35
Wɔn A Wɔagye Wɔn No Ahosɛpɛw
Nweatam ne asase a awo no ani begye;
sare bedi ahurusi na ayɛ frɔmfrɔm.
Te sɛ nhwiren no, ɛbɛpae ayɛ fɛfɛɛfɛ
ebedi ahurusi na ɛde anigye ateɛ mu,
wɔde Lebanon anuonyam bɛma no
Karmel ne Saron ahoɔfɛ;
wobehu Awurade anuonyam,
yɛn Nyankopɔn tumi no.
 
Hyɛ nsa a emu agow no mu den,
hyɛ nkotodwe a ahodwow no mu den;
Ka kyerɛ wɔn a wɔn koma atu no se,
“Monhyɛ mo ho den, na munnsuro;
mo Nyankopɔn bɛba,
ɔde aweretɔ bɛba;
ananmuhyɛ a efi ɔsoro
bɛba abegye mo nkwa.”
 
Ɛno na wobebue anifuraefo ani,
na wɔama asotifo aso ate asɛm.
Ɛno na mpakye behuruw te sɛ ɔforote,
na mum tɛkrɛma de anigye ateɛ mu.
Nsu betue wɔ sare so,
na nsuwansuwa apue wɔ nweatam so.
Nwea a so yɛ hyew no bɛdan ɔtare,
na nsuwansuwa atue wɔ asase wosee so.
Atu a anka sakraman te mu no,
ɛhɔ na sare ne demmire ne paparɔso befifi.
 
Na ɔtempɔn bɛda hɔ;
wɔbɛfrɛ no Ahotefo Kwan.
Wɔn a wɔn ho ntew rentu kwan wɔ so;
ɛbɛda hɔ ama wɔn a wɔnantew saa Kwan no so;
amumɔyɛfo nkwaseafo rennantenantew so.
Gyata biara rentena hɔ,
na akekaboa biara rensi so;
wɔrenhu wɔn wɔ hɔ.
Na wɔn a wɔagye wɔn nko ara na wɔbɛfa so,
10 na wɔn a Awurade agye wɔn no bɛsan aba.
Wɔde nnwonto bɛhyɛn Sion;
anigye a ɛnsa da bɛyɛ wɔn ahenkyɛw.
Wobenya anigye ne ahosɛpɛw mmoroso,
na awerɛhow ne apinisi beguan akɔ.