43
Israel Agyenkwa Koro
Na afei, sɛɛ na Awurade se,
nea ɔbɔɔ wo, Yakob
nea ɔnwen wo, Israel;
“Nsuro na magye wo;
mabɔ wo din afrɛ wo; woyɛ me dea.
Sɛ wofa nsu mu a,
mɛka wo ho;
na sɛ wutwa nsubɔnten no a,
ɛremmu mfa wo so.
Sɛ wonantew ogya no mu a,
worenhyew;
ogyaframa no renhye wo.
Na mene Awurade, wo Nyankopɔn,
Israel Kronkronni, wo Agyenkwa.
Mede Misraim yɛ mpata ma wo
na mede Kus ne Seba si wʼanan mu.
Sɛ wosom bo ma me na wowɔ anuonyam wɔ mʼanim
na medɔ wo nti,
mede nnipa bɛsesa wo,
na mede nkurɔfo asesa wo nkwa.
Nsuro, efisɛ meka mo ho;
mede wo mma befi apuei fam aba
na maboa wɔn ano afi atɔe fam.
Mɛka akyerɛ atifi fam se, ‘Munnyaa wɔn!’
ne anafo fam se, ‘Munnye wɔn ntena ha.’
Momfa me mmabarima mfi akyirikyiri mmra
na me mmabea mfi asase ano mmra,
obiara a me din da no so,
nea mebɔɔ no de hyɛɛ me ho anuonyam,
nea menwen no na meyɛɛ no.”
 
Momfa wɔn a wɔwɔ ani, nanso wonhu ade
wɔn a wɔwɔ aso nanso asisiw no mmra.
Aman no nyinaa boa wɔn ho ano,
na nnipa no hyia mu.
Wɔn mu hena na ɔkaa eyi fii mfiase
na ɔpaee mu kaa nneɛma a atwam no kyerɛɛ yɛn?
Ma wɔmmfa wɔn nnansefo mmra mmedi adanse sɛ wodi bem,
sɛnea afoforo bɛte na wɔaka se, “Ɛyɛ nokware.”
10 “Mone me nnansefo, ne mʼasomfo a mapaw no,”
sɛɛ na Awurade se,
“Sɛnea mubehu na moagye me adi
na moate ase sɛ me ne no.
Wɔammɔ onyame bi anni mʼanim,
na mʼakyi nso obiara remma.
11 Me, Me ara, Mene Awurade,
na agyenkwa biara nni hɔ sɛ me.
12 Mada no adi na magye nkwa na mapae mu aka se,
Me, na ɛnyɛ onyame nanani bi a ɔwɔ mo mu.
Mone me nnansefo,” Awurade na ose sɛ, “Mene Onyankopɔn.
13 Yiw, na efi teteete no me ne no.
Obiara rentumi nnye mfi me nsam
sɛ meyɛ biribi a, hena na obetumi adan no?”
Onyankopɔn Ahummɔbɔ Ne Israel Huammɔdi
14 Sɛɛ na Awurade se,
wʼAgyenkwa, Israel Kronkronni no:
“Mo nti, mɛsoma akɔ Babilonia,
na mede Babiloniafo nyinaa bɛba sɛ aguanfo
wɔ ahyɛn a wɔde hoahoa wɔn ho no mu.
15 Mene Awurade, wo Kronkronni no,
Israel Yɛfo, wo Hene.”
 
16 Sɛɛ na Awurade se,
nea ɔbɔɔ kwan wɔ po mu,
kwan a ɛda asubun mu,
17 nea ɔtwee nteaseɛnam ne apɔnkɔ,
asraafo ne ne nkekaho nyinaa,
na wɔkaa hɔ a wɔansɔre bio,
wɔadum wɔn te sɛ kanea mu ntamabamma:
18 “Momma mo werɛ mfi kan nneɛma no
monntɔ nnkɔ nea atwam no so.
19 Hwɛ, mereyɛ ade foforo!
Mprempren, ɛrepue; na munhu ana?
Merebɔ kwan afa nweatam so
na mereyɛ nsuwansuwa wɔ asase wosee so.
20 Mmoa a wɔyɛ keka hyɛ me anuonyam,
adompo ne mpatu,
efisɛ mema nsu wɔ nweatam so
ne nsuwansuwa wɔ asase wosee so,
de ma me nkurɔfo, wɔn a mapaw wɔn no nsu,
21 nnipa a meyɛɛ wɔn maa me ho
sɛ wɔmpae mu nka mʼayeyi.
 
22 “Nanso, womfrɛɛ me, Yakob,
wonhaw wo ho wɔ me ho, Israel.
23 Momfaa nguan mmrɛɛ me sɛ ɔhyew afɔrebɔde,
na momfaa mo afɔrebɔ nhyɛɛ me anuonyam nso.
Memmaa aduan afɔre nyɛɛ mo adesoa
na memfaa nnuhuamgye nhaw mo.
24 Montɔɔ nnuhuam mmrɛɛ me,
na mommaa mo afɔrebɔde mu srade mmuu me so.
Mmom, mode mo bɔne asoa me
na mode mo mfomso ho haw abɛto me so.
 
25 “Me, me ara, mene nea ɔpepa
mo bɔne, me nti,
na menkae mo amumɔyɛ bio.
26 Monhwehwɛ nea atwa mu no mu bio mma me,
momma yɛmmɔ mu nnye asɛm no ho akyinnye;
ka wʼasɛm a ɛkyerɛ sɛ wunni fɔ no.
27 Mo agya a odii kan no yɛɛ bɔne;
mo kasamafo tew mʼanim atua.
28 Enti magu mo asɔredan mu atitiriw anim ase,
na mede Yakob ama ɔsɛe
na mede Israel ama ahohora.