44
Israel, Nea Wɔapaw No
“Na afei tie, Yakob me somfo,
Israel, nea mapaw no.
Sɛɛ na Awurade se,
nea ɔnwen wo, na ɔyɛɛ wo wɔ awotwaa mu,
ɔno na ɔbɛboa wo:
Nsuro Yakob, me somfo,
Yeshurun, a mapaw no.
Na mehwie nsu agu asase a awo no so,
ne nsuten wɔ asase kesee so;
mehwie me Honhom agu wo mma so,
ne me nhyira agu wʼasefo so.
Wobefifi sɛnea sare fifi wɔ mmoa adidibea,
te sɛ mpampuro a ɛwɔ asuten ho.
Obi bɛka se, ‘Meyɛ Awurade de’;
ɔfoforo bɛfrɛ ne ho se Yakob;
afoforo bɛkɔ so akyerɛw wɔn nsa ho se, ‘Awurade de,’
na wɔafa din Israel.
Ɛyɛ Awurade, Ɛnyɛ Ahoni
“Sɛɛ na Awurade
Israelhene ne Ogyefo, Asafo Awurade se:
Mene odikanfo ne okyikafo;
Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ me.
Hena na ɔne me sɛ? Ma ɔmpae mu nka.
Ma ɔnka na ɔnkyerɛ wɔ mʼanim
nea asisi fi bere a migyee me tete nkurɔfo sii hɔ,
ne nea ɛrebɛba.
Yiw, ma ɔnhyɛ nea ɛreba ho nkɔm.
Mommma mo ho mpopo, munnsuro.
Mampae mu anka eyi, manhyɛ ho amfi teteete ana?
Mone me nnansefo. Onyankopɔn foforo bi ka me ho ana?
Dabi, Ɔbotan foforo bi nni hɔ; minnim baako mpo.”
 
Wɔn a wɔyɛ ahoni nyinaa nka hwee,
na nneɛma a ɛsom wɔn bo no so nni mfaso.
Wɔn a anka wɔkasa ma wɔn no ani afura;
wonnim wɔn ankasa animguase ho hwee.
10 Hena na ɔbɔ onyame na ogu ohoni,
a ne so mma no mfaso biara?
11 Ɔno ne wɔn a wɔte sɛ no nyinaa anim begu ase;
adwumfo nyɛ hwee sɛ nnipa.
Momma wɔn nyinaa mmɔ mu nsɔre nnyina,
ehu ne animguase na ɛbɛka wɔn.
 
12 Ɔtomfo fa nʼatonnade
ɔde hyehyɛ nnyansramma mu;
ɔde asae bobɔ so yɛ no ohoni,
ɔde nʼabasa mu ahoɔden mmoroso na ɛyɛ;
ɔkɔm de no na ɔyɛ mmrɛw;
ɔnnom nsu nti ɔtɔ beraw.
13 Duadwumfo de hama susuw
na ɔde kyerɛwdua sensan;
na ɔde pɛe yiyi ho
afei ɔde kɔmpaase hyɛ no agyirae.
Osen na ɛyɛ sɛ onipa sɛso,
ɛyɛ sɛ onipa wɔ nʼanuonyam nyinaa mu,
sɛ wɔde besi abosonnan mu.
14 Otwitwaa sida,
anaasɛ ebia ɔfaa kwabɔhɔre anaa odum.
Ɔma enyinii wɔ kwae mu,
anaa oduaa ɔpepaw, na osu ma enyinii.
15 Ɛyɛ nea onipa de sɔ ogya;
ɔde bi ka ne ho hyew,
ɔde bi sɔ ogya to brodo.
Nanso ɔde bi sen onyame na ɔsɔre no;
ɔyɛ ohoni na ɔkotow no.
16 Ɔde dua no mu fa sɔ ogya;
so na ɔnoa nʼaduan,
ɔtoto ne nam wɔ so na wawe amee.
Afei ɔka ne ho hyew na ɔka se,
Aa! mahu ogya; me ho ayɛ me hyew.
17 Nkae no ɔde yɛ onyame, ne ohoni;
ɔkotow no na ɔsɔre no.
Ɔbɔ no mpae se,
“Gye me; wo ne me nyame.”
18 Wonnim hwee, na wɔnte hwee ase;
wɔatare wɔn ani so nti wonhu ade,
wɔato wɔn adwene mu nti wɔnte hwee ase.
19 Obiara nna nnwen ho,
obiara nni nimdeɛ anaa nhumu a ɔde bɛka se,
“Mede fa sɔɔ ogya;
na mpo metoo brodo wɔ ne nnyansramma so;
metotoo nam wɔ so wee.
Ɛsɛ sɛ mede nkae no yɛ akyiwade ana?
Ɛsɛ sɛ mekotow gyentia ana?”
20 Saa onipa no di nsõ, nnaadaa koma ma no to kwan;
ɔrentumi nnye ne ho, anaa nka se,
“Nea mikura wɔ me nsa nifa yi nyɛ atoro ana?”
 
21 “Kae saa nneɛma yi, Yakob,
efisɛ, woyɛ me somfo, Israel.
Me na meyɛɛ wo, woyɛ me somfo;
Ao Israel, me werɛ remfi wo.
22 Mapra wo mfomso agu te sɛ omununkum
ne wo bɔne te sɛ anɔpa bosu.
San bra me nkyɛn,
efisɛ magye wo.”
 
23 Momfa ahosɛpɛw nto dwom, ɔsorosoro,
na Awurade na wayɛ eyi.
Mommɔ ose, asase ase.
Momma nnwonto so, mo mmepɔw,
mo kwae ne emu nnua nyinaa,
na Awurade agye Yakob,
wada nʼanuonyam adi wɔ Israel.
Wɔbɛtena Yerusalem
24 “Sɛɛ na Awurade se,
wo Gyefo a ɔnwen wo wɔ awotwaa mu no:
 
“Mene Awurade,
nea wayɛ nneɛma nyinaa,
nea ɔno nko ara trɛw ɔsoro mu
nea ɔno nko ara twee asase mu,
25 nea ɔsɛe atoro adiyifo nsɛnkyerɛnne
na ɔma nkɔmhyɛfo yɛ nkwaseafo,
nea otutu anyansafo adenim gu
na ɔdan no nkwaseasɛm,
26 nea ɔma nʼasomfo nsɛm ba mu
nea ɔhyɛ nʼasomafo nkɔmhyɛ mu ma,
 
“nea ɔka fa Yerusalem ho se, ‘Wɔbɛtena mu,’
ne Yuda nkurow ho se, ‘Wɔbɛkyekye,’
ne mmubui ho se, ‘Mɛyɛ no foforo,’
27 nea ɔka kyerɛ asubun se, ‘Yow,
na mɛma wo nsuwa ayoyow,’
28 nea ɔka wɔ Kores ho se, ‘Ɔyɛ me guanhwɛfo
na obewie nea mepɛ nyinaa yɛ;
ɔbɛka afa Yerusalem ho se, “Ma wɔnkyekyere bio,”
na waka afa asɔredan no ho se, “Ma wɔnto ne fapem.” ’ ”