46
Babilonia Anyame 
 
1 Bel bɔ ne mu ase, Nebo brɛ ne dibea ase;  
mfurum soa wɔn ahoni.  
Nsɛsode a wɔso nenam no mu yɛ duru,  
ɛyɛ adesoa ma nea wabrɛ.   
2 Wɔbɔ mu kotow, bɔ wɔn mu ase;  
wontumi nsiw amanehunu ano,  
wɔn ankasa kɔ nkoasom mu.   
   
 
3 “Muntie me, Yakobfifo,  
mo a moaka wɔ Israelfi nyinaa,  
mo a maso mo mu fi mo nyinsɛn mu,  
na maturu mo afi bere a wɔwoo mo.   
4 Mpo kosi mo nkwakoraa bere ne bere a mubefuw dwen mu,  
Me ne no, Me ne nea obeso mo mu.  
Mabɔ mo na meturu mo;  
mɛwowaw mo na megye mo.   
   
 
5 “Hena ho na mode me bɛto, anaa mubebu no me sɛso?  
Hena na mode me besusuw no, na mode no atoto me ho?   
6 Ebinom hwie sikakɔkɔɔ fi wɔn nkotoku mu  
na wɔkari dwetɛ wɔ nsania so;  
wɔbɔ sika dwumfo paa, ma ɔde yɛ onyame bi,  
na wɔkotow sɔre no.   
7 Wɔsoa no wɔ wɔn mmati so,  
wɔde kosi nʼafa, na ɛka hɔ ara.  
Ɛrentumi mfi faako a esi.  
Obi teɛ mu frɛ no de, nanso ommua;  
ɛrentumi nyi no mfi ne haw mu.   
   
 
8 “Monkae yiye, momma ɛnka mo tirim,  
munnwen ho mo atuatewfo.   
9 Monkae nneɛma a atwam no, teteete nneɛma no;  
Mene Onyankopɔn, na obi nni hɔ;  
Mene Onyankopɔn, na obiara nte sɛ me.   
10 Meda awiei adi fi mfiase,  
efi tete, meka nea ɛbɛba.  
Meka se: ‘Mʼatirimpɔw begyina,  
na mɛyɛ nea mepɛ nyinaa.’   
11 Mɛfrɛ anomaa a ɔkyere mmoa afi apuei fam;  
afi akyirikyiri asase so, onipa a ɔbɛhyɛ me botae ma.  
Nea maka no, ɛno na mɛma aba mu;  
nea madwen ho no, ɛno na mɛyɛ.   
12 Muntie me, mo a moyɛ akokodurufo,  
mo a mo ne trenee ntam kwan ware;   
13 Mede me trenee rebɛn,  
enni akyirikyiri;  
na me nkwagye nso renkyɛ.  
Mɛma Sion nkwagye,  
na mede mʼanuonyam ama Israel.