47
Babilonia Asehwe
“Sian kɔ, tena mfutuma mu,
Ɔbabea Babilonia;
tena fam na mfa ahengua,
Babiloniafo hemmea kuropɔn.
Wɔremfrɛ wo bio se,
nsiforo anaa nea ne ho yɛ na.
Fa awiyammo na yam esiam;
yi wo nkataanim no.
Ma wʼatade so kɔ soro, na wo nan ho ngu hɔ,
na fa nsuwansuwa no mu.
Wʼadagyaw bɛda adi
na wʼanimguase so renkata.
Mɛtɔ were;
meremfa obiara ho nkyɛ no.”
 
Yɛn Gyefo, Asafo Awurade ne ne din,
ɔno ne Israel Kronkronni.
 
“Tena ase dinn, kɔhyɛ sum mu,
Babiloniafo hemmea kurow;
wɔremfrɛ wo bio se
ahenni ahorow so hemmea.
Me bo fuw me nkurɔfo,
na miguu mʼagyapade ho fi;
mede wɔn hyɛɛ wo nsa,
na woanhu wɔn mmɔbɔ.
Nkwakoraa koraa mpo,
wosoaa wɔn konnua duruduru.
Wokae se, ‘Mɛkɔ so daa,
ayɛ ɔhemmea afebɔɔ.’
Nanso woannwen saa nneɛma yi ho
na woansusuw nea ebetumi asi ho.
 
“Afei tie, wo oguamanfo,
woredwudwo wo ho wɔ wo bammɔ mu
na woka kyerɛ wo ho se,
‘me ne no, na obiara nni hɔ sɛ me.
Merenyɛ okunafo da
na merenni awommawu.’
Saa nneɛma abien yi bɛto wo
prɛko pɛ, da koro pɛ:
awommawu ne kunayɛ.
Saa nneɛma yi bɛba wo so pa ara,
wʼabayisɛm bebrebe yi
ne ntafowayi a mu yɛ den nyinaa akyi.
10 Wode wo ho ato wʼamumɔyɛ so
na waka se, ‘Obiara nhu me.’
Wo nyansa ne nimdeɛ ma wo fom kwan
bere a woka kyerɛ wo ho se,
‘Me ne no, obiara nni hɔ ka me ho.’
11 Amanehunu bɛto wo,
na worenhu ɔkwan ko a wobɛfa so ayi afi hɔ.
Ɔhaw bi bɛba wo so
a worentumi mfa mpata nyi mfi hɔ;
atoyerɛnkyɛm a ɛnnaa ne ho adi nkyerɛɛ wo
bɛba wo so mpofirim.
 
12 “Kɔ so yɛ wo ntafowayi
ne wʼabayisɛm bebrebe
a wode adi dwuma fi wo mmofraase no.
Ebia wubedi nkonim,
ebia wode ehu bɛba.
13 Woabrɛ wɔ afotufo bebrebe a woanya no mu!
Ma wo nsoromma ho anyansafo mmra anim,
wɔn a wɔhwɛ nsoromma mu no, ka nea ɛreba ɔsram biara mu no,
ma wonnye wo mfi nea ɛreba wo so no mu.
14 Nokwarem, wɔte sɛ gyentia;
ogya bɛhyew wɔn.
Na wontumi nnye wɔn ankasa ho
mfi ogyaframa anoden no ho.
Nnyansramma biara nni ha a ɛbɛka obiara hyew;
ogya biara nni ha a wɔbɛtena ho ato.
15 Nea wobetumi ayɛ ama wo ara ne no,
eyinom na wo ne wɔn abrɛ
na wo ne wɔn anantew fi mmofraase.
Wɔn mu biara kɔ so yɛ ne mfomso;
ɔbaako mpo nni hɔ a obetumi agye wo.