49
Awurade Somfo No
Muntie me, mo mpoano aman;
monyɛ aso mo akyirikyiri aman
ansa na wɔrebɛwo me no, Awurade frɛɛ me
ɔbɔɔ me din ansa na wɔrewo me.
Ɔyɛɛ mʼano sɛ afoa nnamnam,
Ɔde me hintaw ne nsa ase nwini mu;
ɔde me yɛɛ agyan a ano yɛ nnam
na ɔde me hyɛɛ ne boha mu.
Ɔka kyerɛɛ me se, “Woyɛ me somfo,
Israel, wo mu na mɛda mʼanuonyam adi.”
Nanso mekae se, “Mabrɛ agu
masɛe mʼahoɔden kwa, mannya mu hwee
nanso nea ɛwɔ me wɔ Awurade nsam
na mʼakatua wɔ me Nyankopɔn nkyɛn.”
 
Na afei, Awurade kasa se,
nea ɔnwen me wɔ awotwaa mu sɛ memmɛyɛ ne somfo
sɛ memfa Yakob nsan mmra ne nkyɛn
na me mmoaboa Israel ano mma no no,
wahyɛ me anuonyam wɔ Awurade ani so
na me Nyankopɔn ayɛ mʼahoɔden.
Ɔka se,
“Ɛyɛ ade ketewa bi ma wo sɛ wobɛyɛ me somfo
sɛ wode Yakob mmusuakuw bɛsan aba
na wode Israelfo a mede wɔn asie bɛsan aba.
Mɛma moayɛ amanamanmufo nyinaa kanea,
ɛnam mo so na wobegye wiasefo nyinaa nkwa.”
 
Sɛɛ na Awurade se,
Ogyefo ne Israel ɔkronkronni no
de kɔma nea aman buu no animtiaa na wokyii no,
ahemfo somfo no;
“Ahene behu wo na wɔasɔre
ahenemma behu wo na wɔakotow wo
esiane Awurade a ɔyɛ ɔnokwafo,
Israel ɔkronkronni a wayi wo no nti.”
Israel Si Ne Dedaw Mu
Sɛɛ na Awurade se:
“Bere a ɛsɛ mu no, mebua wo,
na nkwagyeda no, mɛboa wo;
mɛkora wo na mede wo ayɛ
apam ama nkurɔfo no,
de agye asase no asi hɔ
akyekyɛ agyapade ahorow a asɛe no bio,
wobɛka akyerɛ nneduafo se, ‘Mumfi mmra!’
ne wɔn a wɔwɔ sum mu se, ‘Momfa mo ho nni!’
 
“Wobedidi wɔ akwan ho
wobenya adidibea wɔ koko kesee biara so.
10 Ɔkɔm renne wɔn na osukɔm nso renne wɔn;
nweatam so hyew ne owia ano hyew renka wɔn,
nea ɔwɔ ayamhyehye ma wɔn no bɛkyerɛ wɔn kwan
na ɔde wɔn akɔ nsuaniwa ho.
11 Mɛyɛ me mmepɔw nyinaa akwan,
na mʼatempɔn nso mɛma akrɔn.
12 Hwɛ, wufi akyirikyiri bɛba
ebinom befi atifi fam, ebinom befi atɔe fam
ebinom nso befi Sinin mantam mu.”
 
13 Momfa anigye nteɛ mu, ɔsoro;
di ahurusi, asase;
mompae mu nnwonto mu, mmepɔw!
Na Awurade kyekye ne nkurɔfo werɛ,
na obehu nʼamanehunufo mmɔbɔ.
 
14 Nanso Sion kae se, “Awurade agyaw me hɔ,
Awurade werɛ afi me.”
 
15 “Ɛna werɛ betumi afi ne ba a otua nufu ano
a ɔrennya ayamhyehye mma ɔba a waturu no no ana?
Ebia ne werɛ befi,
na me werɛ remfi wo!
16 Hwɛ, makurukyerɛw wo din agu me nsa yam
wʼafasu wɔ mʼani so daa.
17 Mo mmabarima resan aba ntɛm so;
na wɔn a wɔsɛe mo no refi mo nkyɛn akɔ.
18 Momma mo ani so nhwɛ mo ho nhyia;
mo mmabarima nyinaa reboa wɔn ho ano aba mo nkyɛn.
Sɛ mete ase yi” sɛnea Awurade se,
“mode wɔn bɛyɛ ahyehyɛde ama mo ho
mubefura wɔn sɛ ayeforokunu.
 
 
19 “Ɛwɔ mu sɛ wɔsɛee mo yɛɛ mo pasaa
maa mo asase daa mpan,
afei nnipa bɛhyɛ wo so ma, ama aboro wo so,
na wɔn a wɔsɛee wo no bɛkɔ akyirikyiri.
20 Mmofra a wɔwoo wɔn wɔ mo nna bɔne mu no
bɛka ama moate sɛ,
‘Ɛha sua ma yɛn dodo;
momma yɛn asase no bi nka ho na yɛntena so.’
21 Na wobɛka wɔ wo koma mu se,
‘Hena na ɔwoo eyinom maa me?
Na meyɛ ɔwerɛhowni ne obonin;
wotuu me kɔɔ asase foforo so na wɔpoo me.
Hena na ɔtetew eyinom?
Wogyaw me nko ara
na eyinom, he na wofi bae?’ ”
22 Sɛɛ na Asafo Awurade se:
“Hwɛ, menyama amanamanmufo,
mɛma me frankaa no so akyerɛ nkurɔfo no
wobeturu wo mmabarima wɔ wɔn nsa so aba
na wɔbɛsoa wo mmabea wɔ wɔn mmati so.
23 Ahemfo bɛyɛ mo agyanom nsiananmu,
na wɔn ahemmea ayɛ ɛnanom a wɔbɛhwɛ mo.
Wɔbɛkotow mo a wɔn anim butubutuw fam;
wɔbɛtaforo mo nan ase mfutuma.
Afei mubehu sɛ mene Awurade.
Wɔn a wɔn ani da me so no, merenni wɔn huammɔ.”
 
24 Wobetumi agye asade afi akofo nsam;
anaa wobetumi agye nnommumfo afi otirimɔdenfo nsam?
25 Nanso, sɛɛ na Awurade se:
“Yiw, wobegye nnommumfo afi akofo nsam
na wɔagye asade afi otirimɔdenfo nsam;
me ne wɔn a wɔne wo nya no benya
na megye wo mma nkwa.
26 Mema wɔn a wɔhyɛ wo so no awe wɔn ankasa honam;
wɔn mogya bɛbow wɔn sɛnea wɔanom nsa.
Afei adesamma nyinaa behu
sɛ me, Awurade, me ne wʼAgyenkwa no,
wo Gyefo, Yakob Tumfo No.”