50
Israel Amumɔyɛ Ne Ɔsomfo No Setie
Sɛɛ na Awurade se:
“Ɛhe na awaregyae ho adansedi nhoma,
nea migyinaa so gyaa no kwan no wɔ?
Anaa sɛ mʼadefirifo mu hena
na metɔn wo maa no?
Wo bɔne nti na wɔtɔn wo;
Wʼamumɔyɛ nti na wɔpam wo na.
Mebae no, adɛn nti na na obiara nni hɔ?
Mefrɛe no, adɛn nti na obiara annye so?
Na me nsa yɛ tia dodo sɛ ebegye wo ana?
Minni ahoɔden a mede begye wo ana?
Mede mʼanimka kɛkɛ no ma po yow,
medan nsubɔnten nweatam
mu mpataa porɔw esiane nsu a wonnya nti
na osukɔm kum wɔn.
Mede sum fura ɔsoro
na mema atweaatam yɛ ne nkataho.”
 
Asafo Awurade ama me nkyerɛkyerɛ tɛkrɛma
sɛ ɛnka asɛm a ɛhyɛ ɔbrɛfo den.
Onyan me anɔpa biara,
na obue mʼaso ma mitie sɛ obi a ɔregye nkyerɛkyerɛ.
Otumfo Awurade abue mʼaso
na menyɛɛ otuatewfo ɛ;
na mensan mʼakyi ɛ.
Mede mʼakyi maa wɔn a wɔboro me,
ne mʼafono maa wɔn a wotutu mʼabogyesɛ.
Mamfa mʼanim anhintaw wɔn
fɛwdi ne ntasu ho.
Esiane sɛ, Asafo Awurade boa me nti,
wɔrengu mʼanim ase.
Enti na mayɛ mʼanim sɛ ɔtwɛrebo,
na minim sɛ mʼanim rengu ase.
Nea obu me bem no abɛn.
Enti hena na ɔbɛbɔ me kwaadu?
Ɔmma yenhyia mu!
Hena na ɔbɔ me sobo?
Ma ɔnka nsi mʼanim!
Asafo Awurade na ɔboa me.
Hena ne nea obebu me fɔ?
Wɔn nyinaa bɛtetew sɛ atade;
nnwewemmoa bɛwe wɔn.
 
10 Mo mu hena na osuro Awurade,
na odi ne somfo asɛm so?
Ma nea ɔnam sum mu
nea onni hann no,
onnye Awurade din nni
na ɔmfa ne ho nto ne Nyankopɔn so.
11 Na afei, mo a mososɔ ogya nyinaa
na moyɛ ogyatɛn ma mo ho,
monkɔ, nkɔnantew mo gya hann no,
ne ogyatɛn a wɔasɔ ano no mu.
Eyi ne nea mubenya afi me nsa mu;
mobɛdeda fam wɔ ɔyaw mu.