51
Sion Daapem Nkwagye
“Muntie me, mo a mopɛ trenee akyi kwan;
na mohwehwɛ Awurade;
Monhwɛ ɔbotan a wotwaa mo fii mu no
ne abopaebea a wotuu mo fii hɔ no;
Monhwɛ Abraham, mo agya,
ne Sara a ɔwoo mo no.
Bere a mefrɛɛ no no, na ɔyɛ ɔbaakofo,
na mihyiraa no maa nʼase trɛwee.
Awurade bɛkyekye Sion werɛ ampa ara
na ne yam bɛhyehye no wɔ ne nnwiriwii no ho;
ɔbɛyɛ ne nweatam ahorow sɛ Eden,
nʼasase a ada mpan bɛyɛ sɛ Awurade turo.
Wobehu anigye ne ahosɛpɛw,
aseda ne nnwonto wɔ ne mu.
 
“Muntie me, me nkurɔfo;
monyɛ aso mma me, me man:
Mmara no befi me nkyɛn akɔ;
na mʼatɛntrenee bɛyɛ hann ama aman no.
Me trenee reba ntɛm so,
me nkwagye nam kwan so,
na me basa de atɛntrenee bɛbrɛ aman no.
Asupɔw no bɛhwɛ me
na wɔde anidaso bɛtwɛn me basa.
Momma mo ani so nhwɛ ɔsorosoro,
monhwɛ asase wɔ fam;
ɔsorosoro betu ayera sɛ wusiw
na asase bɛtetew sɛ atade
na wɔn a wɔte so bewuwu sɛ nwansena.
Nanso me nkwagye bɛtena hɔ daa,
me trenee to rentwa da.
 
“Muntie me, mo a munim nea ɛteɛ,
mo a me mmara wɔ mo koma mu:
Munnsuro nnipa animka
anaa momma wɔn ahohora ntu mo koma.
Na nnwewemmoa bɛwe wɔn te sɛnea wɔwe atade;
asunson bɛsɛe wɔn te sɛnea wɔsɛe kuntu.
Nanso me trenee bɛtena hɔ daa,
me nkwagye befi awo ntoatoaso akosi awo ntoatoaso so.”
 
Nyan, nyan! Awurade basa,
hyɛ ahoɔden adurade;
nyan te sɛ nna a atwa mu no,
te sɛ tete awo ntoatoaso mu no.
Ɛnyɛ wo na wutwitwaa Rahab mu asinasin no,
na wuhwirew asuboa kɛse no mu no?
10 Ɛnyɛ wo na womaa po yowee,
asubun mu nsu no,
nea ɔpaee kwan wɔ po bun mu no
sɛnea wɔn a wɔagye wɔn no betumi atwa?
11 Wɔn a Awurade apata ama wɔn bɛsan aba.
Wɔde nnwonto bɛhyɛn Sion;
anigye a ɛnsa da bɛyɛ wɔn abotiri,
anigye ne ahosɛpɛw bɛboro wɔn so,
awerɛhow ne apinisi betu ayera.
 
12 “Me, me ara, mene wo werɛkyekyefo.
Hena ne wo a wusuro ɔdesani,
nnipa mma a wɔyɛ sare yi.
13 Na wo werɛ afi Awurade, wo yɛfo
nea ɔtrɛw ɔsorosoro mu
na ɔhyɛɛ asase ase no,
a da biara na woabɔ hu
ɔhyɛsoni no abufuw nti,
nea ɔde ɔsɛe asi nʼani so no ana?
Na ɔhyɛsoni no abufuw wɔ he?
14 Ɛrenkyɛ, wobegyaa nneduafo ahufo no;
wɔrenwuwu wɔ afiase amoa mu,
na aduan remmɔ wɔn.
15 Na mene Awurade, wo Nyankopɔn
nea ɔhwanyan po, ma nʼasorɔkye woro so.
Asafo Awurade ne ne din.
16 Mede me nsɛm ahyɛ wʼanom,
na mede me nsa ase nwini akata wo so.
Me a mede ɔsorosoro sii hɔ
na mehyɛɛ asase ase,
na meka kyerɛ Sion se, ‘Moyɛ me nkurɔfo.’ ”
Awurade Abufuwhyew Kuruwa No
17 Nyan, nyan!
Sɔre, Yerusalem!
Wo a woanom afi Awurade nsam
nʼabufuw kuruwa no,
wo a woanom apɔɔdɔ mu nsa atu puw
nea ɛma nnipa tɔ ntintan no.
18 Ne mma a ɔwoo wɔn nyinaa no
obiara nni hɔ a ɔkyerɛ no kwan;
mma a ɔtetew wɔn nyinaa no
obiara nni hɔ a oso ne nsa mu.
19 Saa ɔhaw prenu yi aba wo so,
hena na ɔbɛkyekye wo werɛ?
Nnwiriwii ne ɔsɛe, ɔkɔm ne afoa,
hena na ɔbɛhyɛ wo den?
20 Wo mma atotɔ beraw;
wɔdeda mmɔnten so baabiara,
te sɛ ɔtwe a afiri ayi no.
Awurade abufuw aba wɔn so,
wo Nyankopɔn animka no.
 
21 Enti tie eyi, wo a worehu amane
woabow, nanso ɛnyɛ nsa na abow wo.
22 Sɛɛ na Otumfo Awurade se,
wo Nyankopɔn a ɔbɔ ne nkurɔfo ho ban:
Hwɛ, magye afi wo nsa mu,
kuruwa a ɛma wotɔɔ ntintan no,
kuruwa a ɛyɛ mʼabufuw pɔɔdɔ no,
worennom bio.
23 Mede bɛhyɛ wɔn a wɔhaw mo no nsa mu,
wɔn a wɔka kyerɛɛ mo se,
“Butuw fam na yɛnnantew wo so
na wode wʼakyi yɛɛ fam,
te sɛ abɔnten sɛ wɔnnantew so no.”