5
Bobe Turo Ho Dwom
Mɛto dwom ama me dɔfo
dwom a ɛfa ne bobeturo ho:
Na me dɔfo wɔ bobe turo bi
wɔ asasebere bi a ɛda bepɔw ani.
Ofuntum asase no, yiyii mu abo,
na oduaa bobe a ɛyɛ papa wɔ so.
Osii ɔwɛn aban wɔ mfimfini
na otuu nsakyiamoa nso.
Afei ɔhwɛɛ anim sɛ obetwa bobe aba pa,
nanso ɛsow aba bɔne.
 
“Afei mo a motete Yerusalem ne Yuda mmarima,
mummu me ne me bobeturo ntam atɛn.
Dɛn bio na anka ɛsɛ sɛ meyɛ ma me bobeturo
boro nea mayɛ yi so?
Bere a merehwɛ anim sɛ minya bobe a eye no
adɛn nti na ɛsow aba bɔne?
Afei mɛka
nea merebɛyɛ me bobeturo no akyerɛ wo:
Meyi ho ban no afi hɔ,
na wɔbɛsɛe no;
mebubu ho ɔfasu,
na wobetiatia so.
Mɛma ayɛ asase a ɛda mpan
a worenyiyi mu na wɔnyɛ so adwuma,
ohwirem ne nsɔe benyin wɔ so.
Mɛhyɛ omununkum
na wantɔ osu angu so.”
 
Asafo Awurade bobeturo no
yɛ Israelfi,
na Yuda mmarima yɛ turo a nʼani gye ho.
Ɔpɛɛ atɛntrenee nanso ohuu mogyahwiegu;
ɔpɛɛ trenee nanso ɔtee mmɔborɔsu.
Nnome Ne Atemmu
Nnome nka mo a mode ofi ka ofi ho
na mugyigye mfuw bobɔ so
kosi sɛ asase no bɛsa
na ɛka mo nko ara wɔ asase no so.
Asafo Awurade apae mu aka ama mate:
“Nokwarem, afi akɛse no bɛda mpan,
na aban afɛɛfɛ no, obiara rentena mu.
10 Bobeturo kɛse pa ara no
nsa kakraa bi na ebefi mu.
Aba lita aduonu baako a wodua no
wobenya so lita aduonu abien pɛ.”
 
11 Wonnue, wɔn a wɔsɔre anɔpahema
kɔhwehwɛ wɔn nsa akyi kwan
wɔn a wosii pɛ anadwo
kosi sɛ nsa bɛbow wɔn.
12 Wɔbɔ sankuten ne bɛnta wɔ wɔn aponto ase,
akasae, ne atɛntɛbɛn ne nsa,
nanso wotwiri nea Awurade ayɛ,
na wommu ne nsa ano adwuma.
13 Ɛno nti, me nkurɔfo bɛkɔ nnommum mu,
efisɛ wonni ntease;
ɔkɔm bekum wɔn mu atitiriw
na osukɔm betware wɔn mu bebree.
14 Enti Owu bae nʼabogye mu
na obue nʼanom bayaa;
na mu na atitiriw ne dɔm no bɛkɔ
wɔne wɔn a wɔsaw na wogye wɔn ani no.
15 Enti wɔbɛbrɛ onipa ase
na wama adesamma abotow.
Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase,
16 nanso Asafo Awurade atɛntrenee bɛma no so,
na Ɔkronkron Nyankopɔn de ne trenee bɛda ne ho adi sɛ Ɔkronkronni.
17 Afei nguan bɛkɔ adidi te sɛnea wɔwɔ wɔn adidibea;
nguantenmma bedidi wɔ asikafo amamfo so.
 
18 Munnue, mo a mode nnaadaa nhoma twetwe bɔne,
na mode nteaseɛnam ntampehama twetwe amumɔyɛ.
19 Munnue, mo a moka se, “Onyankopɔn nyɛ ntɛm,
ɔnyɛ nʼadwuma ntɛm
sɛnea yebehu.
Ma ɛmmɛn,
Israel Ɔkronkronni no nhyehyɛe no mmra,
sɛnea yebehu.”
 
20 Munnue, mo a mofrɛ bɔne sɛ papa
na papa nso sɛ bɔne,
mo a mode sum si hann anan mu
na hann si sum anan mu,
mo a mofrɛ nweenwen se dɛɛdɛ
ne dɛɛdɛ se nweenwen.
 
21 Munnue, mo a mubu mo ho anyansafo, mo ankasa ani so
ne anitewfo mo ankasa ani so.
 
22 Munnue mo a wɔfrɛ mo akatakyi wɔ nsanom mu
ne ahoɔdenfo wɔ nsa afrafra mu.
23 Mo a mugye adanmude, na mugyaa nea odi fɔ
na mubu nea odi bem no fɔ.
24 Enti sɛnea ogyaframa hyew nwuraguanee
na sare a awo yera wɔ ogyaframa mu no,
saa ara na mo ntin bɛporɔw,
na mo nhwiren nso atu akɔ sɛ mfutuma;
efisɛ moapo Asafo Awurade mmara
na moatwiri Israel Kronkronni no asɛm.
25 Enti Awurade abufuw aba ne nkurɔfo so,
wama ne nsa so, na ɔde rebɔ wɔn ahwe fam.
Mmepɔw no wosow,
na afunu ayɛ sɛ mmɔnten so nwura.
 
Nanso eyi nyinaa akyi, ne bo nnwoo ɛ,
na ne nsa da so wɔ soro.
 
26 Ɔma frankaa so ma akyirikyiri aman,
ɔhyɛn abɛn de frɛ wɔn a wɔwɔ asase ano.
Wɔn na wɔreba no,
afrɛ so ne ntɛm so!
27 Wɔn mu biara mmmrɛ na onhintiw,
obiara ntɔ nko na ɔnna;
abɔso biara mu nnwow wɔ asen mu
na mpaboa hama biara nso rentew.
28 Wɔn agyan ano yɛ nnam,
na wɔn tadua nyinaa ayɛ krado;
wɔn apɔnkɔ tɔte te sɛ ɔtwɛrebo,
wɔn nteaseɛnam nkyimii te sɛ mfɛtɛ.
29 Wɔn mmobɔmu te sɛ gyata de,
na wɔbobɔ mu sɛ gyatamma;
wɔbobɔ mu kyere wɔn hanam
na wɔde no kɔ a ogyefo biara nni hɔ.
30 Da no wɔbɛbobɔ mu agu no so
sɛnea po woro so no.
Na sɛ obi hwɛ asase no a,
obehu sum kabii ne ahohiahia;
omununkum bɛma hann aduru sum.