6
Yesaia Soma
Afe a ɔhene Usia wui mu no, mihuu Awurade sɛ ɔte ahengua a ɛkorɔn na wapagyaw so na nʼatade mmuano ayɛ hyiadan mu hɔ ma. Na Serafim a wɔn mu biara wɔ ntaban asia wɔ nʼatifi. Wɔde ntaban no abien kata wɔn anim, na wɔde abien nso kata wɔn nan ho na wɔde abien nso tu. Na obiara teɛ mu kyerɛ ne yɔnko se,
“Kronkron! Kronkron! Kronkron ne Asafo Awurade;
Nʼanuonyam ahyɛ asase nyinaa so ma!”
Wɔn nne nnyigyei maa apon ne abobow ano wosowee, na wusiw yɛɛ hyiadan mu hɔ ma.
Meteɛɛ mu kae se, “Minnue! Memfata! Meyɛ onipa a mʼano ho ntew, na mete nnipa a wɔn ano ho ntew mu, na mʼani ahu Ɔhene, Awurade Asafo no yi.”
Na Serafim no mu baako a okura nnyansramma, a ɔde ɔdaban kɔfa fii afɔremuka no so tu baa me nkyɛn. Ɔde eyi kaa mʼano kae se, “Hwɛ, eyi aka wʼanofafa, wɔayi wʼafɔdi na wɔatua wo bɔne so ka.”
Afei, metee Awurade nne a ɛrebisa se, “Hena na mensoma no? Na hena na ɔbɛkɔ ama yɛn?”
Na mekae se, “Mini. Soma me!”
Na ɔkae se, “Kɔ na kɔka kyerɛ saa nkurɔfo yi se,
“ ‘Ɔte de mobɛte, nanso morente ase;
Ɔhwɛ de mobɛhwɛ, nanso morenhu.’
10 Efisɛ mo, moapirim mo koma;
moasisiw mo aso,
akatakata mo ani.
Ɛnyɛ saa a, anka mo ani behu ade,
na mo koma ate asɛm ase,
na moanu mo ho asan aba me nkyɛn, na masa mo yare.”
11 Na mekae se, “Enkosi da bɛn, Awurade?”
Na obuae se,
“Enkosi sɛ nkuropɔn no bɛyɛ amamfo
a nnipa ntete so,
enkosi sɛ afi no bɛyɛ afituw
na mfuw no asɛe ayɛ pasaa,
12 enkosi sɛ, Awurade bɛpam obiara akɔ akyirikyiri
na asase no ada mpan.
13 Mpo, sɛ nkyɛmu du mu baako ka asase no so a
wɔbɛsɛe no bio.
Nso sɛnea dupɔn anaa odum
gyaw dunsin, bere a wɔatwa ato fam no,
saa ara na aba kronkron no bɛyɛ dunsin wɔ asase no so.”