64
Ao, sɛ anka wubesunsuane ɔsorosoro mu, asian aba fam a,
ɛno na anka mmepɔw no ho bɛpopo wɔ wʼanim!
Sɛnea ogya ma mmabaa dɛw
na ɛma nsu huru no,
sian bra fam na ma wʼatamfo nhu wo din,
na ma amanaman no ho mpopo wɔ wʼanim!
Na bere a woyɛɛ nneɛma a ɛyɛ nwonwa a yɛanhwɛ anim no,
wusian baa fam na mmepɔw no ho popoo wɔ wʼanim.
Efi teteete obiara ntee,
entwaa obiara aso mu,
ani biara nhuu Onyankopɔn bi sɛ wo,
nea odi dwuma ma wɔn a wɔtwɛn no no.
Woboa wɔn a wɔde anigye yɛ nea ɛteɛ,
wɔn a wɔkae wʼakwan.
Nanso yɛkɔɔ so yɛɛ bɔne tiaa wɔn no,
wo bo fuwii.
Na afei ɛbɛyɛ dɛn na woagye yɛn nkwa?
Yɛn nyinaa ayɛ sɛ obi a ne ho ntew,
na yɛn trenee nneyɛe nyinaa te sɛ ntamagow fi;
yɛn nyinaa akisa te sɛ ahaban,
na yɛn bɔne pra yɛn kɔ te sɛ mframa.
Obiara mmɔ wo din,
na obiara mpere sɛ obeso wo mu;
efisɛ wode wʼanim ahintaw yɛn
na yɛn bɔne nti woama yɛasɛe.
Nanso wo, Awurade, ne yɛn Agya.
Yɛyɛ dɔte, na wo ne ɔnwemfo no;
yɛn nyinaa yɛ wo nsa ano adwuma.
Mma wo bo mfuw ntra so, Awurade;
nkae yɛn bɔne da biara da.
Ao, brɛ wʼani ase hwɛ yɛn, yɛsrɛ wo,
efisɛ yɛn nyinaa yɛ wo nkurɔfo.
10 Wo nkuropɔn kronkron no adan nweatam;
Sion mpo ayɛ nweatam, Yerusalem ada mpan.
11 Yɛn asɔredan kronkron a ɛwɔ anuonyam, faako a yɛn nenanom yii wo ayɛ no,
wɔde ogya ahyew,
na nea ɛsom bo ma yɛn no, abubu.
12 Eyi nyinaa akyi, Awurade, wode wo ho bɛkame yɛn ana?
Wobɛkɔ so ayɛ komm atwe yɛn aso aboro so ana?