65
Atemmu Ne Nkwagye
“Medaa me ho adi kyerɛɛ wɔn a wɔammisa mʼase;
wɔn a wɔnhwehwɛ me no huu me.
Ɔman a wonsu mfrɛ me no,
meka kyerɛɛ wɔn se, ‘Mini, Mini.’
Da mu nyinaa, matrɛw me nsa mu ama
nnipa a wɔyɛ asoɔden ne nyiyiano,
a wɔnenam akwammɔne so,
na wodi wɔn ankasa nsusuwii akyi.
Nnipa a daa no woyi me ahi
wɔ mʼanim pɛɛ,
wɔbɔ afɔre wɔ nturo mu
na wɔhyew nnuhuam wɔ ntayaa afɔremuka so;
wɔn a wɔtenatena nna so
na anadwo wosii pɛ kokoa mu;
wɔwe mprakonam
na wɔn nkutu mu wɔ nkwan a wɔde nam a ɛho ntew ayɛ;
wɔka se, ‘Mumfi ha; mommmɛn me,
efisɛ me ho tew dodo ma mo!’
Saa nnipa yi yɛ wusiw wɔ me hwenem,
ogya a ɛkɔ so hyew da mu nyinaa.
 
“Hwɛ; wɔakyerɛw ato hɔ wɔ mʼanim se,
merenyɛ komm, metua so ka pɛpɛɛpɛ;
metua so ka agu wɔn asrɛ so,
mo ne mo agyanom bɔne nti,”
sɛɛ na Awurade se.
“Esiane sɛ wɔhyew afɔrebɔde wɔ mmepɔw so
na wotwirii me wɔ nkoko so nti
mesusuw bɔne a wɔyɛɛ kan no so akatua pɛpɛɛpɛ
agu wɔn asrɛ so.”
Sɛɛ na Awurade se:
“Sɛnea wonya nsu fi bobe kasiaw mu,
na nnipa ka se, ‘Monnsɛe no,
efisɛ ade pa bi da so wɔ mu’ no
saa ara na mʼasomfo no nti mɛyɛ.
Merensɛe wɔn nyinaa.
Mede Yakob asefo bɛba,
na me mmepɔw no sodifo afi Yuda aba;
me nkurɔfo a mapaw wɔn no bedi wɔn ade,
na hɔ na mʼasomfo bɛtena.
10 Saron bɛyɛ nguankuw adidibea,
na Akor bon no ayɛ anantwikuw homebea
ama me nkurɔfo a wɔhwehwɛ me.
 
11 “Na mo a mo de mugyaw Awurade
na mo werɛ fi ne bepɔw kronkron no,
mo a moto pon ma Ahonya
na mohyɛ afrasa wɔ nkuruwa mu ma Nkrabea no,
12 mede mo bɛto afoa ano,
na mo nyinaa akotow ama wɔakum mo;
efisɛ mefrɛe nanso moannye so,
mekasae nanso moantie.
Moyɛɛ nea ɛyɛ mʼani so bɔne
na moyɛɛ nea mempɛ.”
13 Enti sɛɛ na Otumfo Awurade se:
“Mʼasomfo bedidi,
nanso ɔkɔm bɛde mo,
mʼasomfo bɛnom,
nanso osukɔm bɛde mo;
mʼasomfo ani begye,
nanso mo anim begu ase.
14 Mʼasomfo bɛto nnwom
afi koma mu anigye mu
na mobɛteɛ mu asu
afi mo koma ahoyeraw mu,
na mubetwa adwo afi honhom a ayɛ mmrɛw mu.
15 Wubegyaw din bi a ɛbɛyɛ mmusu
ama wɔn a mapaw wɔn;
Otumfo Awurade bekum wo
na nʼasomfo de, mɛma wɔn din foforo.
16 Obiara a ɔsrɛ nhyira wɔ asase no so no,
bɛyɛ wɔ nokware Nyankopɔn koro no mu;
obiara a ɔka ntam wɔ asase no so
bɛka no wɔ nokware Nyankopɔn koro no mu.
Na ɔhaw a atwa mu no wɔn werɛ befi
na wɔde behintaw me.
 
17 “Hwɛ! Mɛbɔ
ɔsorosoro foforo ne asase foforo.
Wɔrenkae nneɛma a atwam no bio,
na ɛremma adwene mu nso.
18 Nanso momma mo ani nnye na munni ahurusi afebɔɔ
wɔ nea merebɛbɔ ho,
efisɛ mɛbɔ Yerusalem ama ayɛ anigye,
na mu nnipa ayɛ anigye farebae.
19 Mɛsɛpɛw me ho wɔ Yerusalem mu,
na madi ahurusi wɔ me nkurɔfo ho.
Na wɔrente agyaadwo ne osu nnyigyei
wɔ mu bio.
 
20 “Ɛrensi bio wɔ mu
abofra a ne nkwanna yɛ kakraa bi,
anaa akwakoraa a onni ne mfe nwie;
nea odi mfe ɔha na owu no
wɔbɛfa no sɛ ɔbabun bi kɛkɛ;
na nea wannya mfe ɔha no
wɔbɛfa no sɛ wɔadome no.
21 Wobesisi afi na wɔatena mu,
wɔbɛyɛ bobe nturo na wɔadi mu aba.
22 Wɔrensisi afi mma afoforo mmɛtena mu bio,
na wɔrennua mma afoforo mmedi.
Na nna a dua di no,
saa ara na me nkurɔfo nna bɛyɛ;
me nkurɔfo a mapaw wɔn no bedi
wɔn nsa ano adwuma so aba akyɛ.
23 Wɔremmrɛ ngu
na wɔrenwo mma a wɔn nkrabea nye;
efisɛ wɔbɛyɛ nnipa a Awurade ahyira wɔn,
wɔne wɔn asefo.
24 Mebua wɔn ansa, mpo, na wɔafrɛ me.
Bere a wogu so rekasa no metie.
25 Pataku ne oguamma bedidi abɔ mu
gyata bɛwe sare sɛ nantwi,
nanso mfutuma bɛyɛ ɔwɔ aduan.
Wɔrempira obi anaa wɔrensɛe obi
wɔ me bepɔw kronkron so nyinaa,”
sɛnea Awurade se ni.