12
Efraim Ne Yefta Ko
Efraim abusuakuw no boaboaa asraafo ano twa kɔɔ Safon. Wɔde nkra yi kɔmaa Yefta: “Adɛn nti na woansoma ammɛka ankyerɛ yɛn sɛ yɛmmɛboa mo nko ntia Amonfo? Yɛrebɛhyew wo ne wo fi nyinaa pasaa!”
Yefta buae se, “Mansotwe no mfiase no, mefrɛɛ mo, nanso moamma. Moammɛboa annye me wɔ Amonfo nsam. Mede me nkwa too me nsam kɔkoe a monnka ho, nanso Awurade ma midii Amonfo so nkonim. Na adɛn nti na afei woaba sɛ wo ne me rebɛko?”
Efraimfo ntuanofo no buae se, “Gileadfo nyɛ nnipa biara sɛ aguanfo a wofi Efraim ne Manase.” Enti Yefta frɛɛ nʼakofo; wɔtow hyɛɛ Efraimfo so, dii wɔn so nkonim.
Yefta ko faa Yordan aworoe so. Bere biara a oguanfo bi a ofi Efraim pɛ sɛ ɔfa hɔ guan kɔ nʼakyi no, Gileadfo no bisa no se, “Wufi Efraim abusua mu ana?” Sɛ ɔbarima no bua se, “Dabi” a, wɔka kyerɛ no se, ɔnka “Sibolet.” Sɛ ofi Efraim a, ɔka, “Sibolet,” Efisɛ nnipa a wofi Efraim no ntumi nka saa asɛm no yiye. Sɛ ɛba saa a, na wɔakyere no akokum no wɔ Asubɔnten Yordan aworoe so hɔ. Enti Efraimfo mpem aduanan abien na wokunkum wɔn saa bere no.
Yefta yɛɛ Israel so temmufo mfe asia. Owui no, wosiee no wɔ Gilead nkurow no baako so.
Ibsan Bɛyɛ Israel So Temmufo
Yefta akyi no, Ibsan na ɔbɛyɛɛ otemmufo wɔ Israel. Ɔtenaa Betlehem. Na ɔwɔ mmabarima aduasa ne mmabea nso aduasa. Ɔmaa ne mmabea no wareware fii mmusua foforo mu. Ne mmabarima no de, ɔfaa mmabun aduasa fii mmusua foforo mu ma wɔbɛwarewaree wɔn. Ibsan buu Israel atɛn mfe ason. 10 Owui no, wosiee no wɔ Betlehem.
Elon Bɛyɛ Israel So Temmufo
11 Ibsan akyi no, Elon a ofi Sebulon na ɔbɛyɛɛ otemmufo wɔ Israel. Obuu Israel atɛn mfe du. 12 Bere a owui no, wosiee no wɔ Ayalon, Sebulon asase so.
Abdon Bɛyɛ Israel So Temmufo
13 Elon wu akyi no, Hilel babarima Abdon a ofi Piraton na ɔbɛyɛɛ otemmufo wɔ Israel. 14 Onyaa mmabarima aduanan ne nananom aduasa a na wɔn mu biara tena mfurum so. Ɔyɛɛ otemmufo wɔ Israel mfe awotwe. 15 Owu ma wosiee no wɔ Piraton wɔ Efraim asase a ɛwɔ Amalekfo bepɔw asase no so.