13
Samson Awo
Bio, Israelfo no yɛɛ nea ɛyɛ bɔne wɔ Awurade ani so, enti Awurade de wɔn hyɛɛ Filistifo nsam ma wɔhyɛɛ wɔn so mfe aduanan.
Saa bere no, ɔbarima bi tenaa Sora a ne din de Manoa a ofi Dan abusuakuw mu. Na ne yere nnya awo, enti na wonni mma. Awurade bɔfo yii ne ho kyerɛɛ Manoa yere kae se, “Ɛwɔ mu sɛ wonwoe de, nanso ɛrenkyɛ worebenyinsɛn na woawo ɔbabarima. Ɛnsɛ sɛ wonom bobesa anaa nsa a ano yɛ den biara. Na nni biribiara nso a ɛyɛ akyiwade. Wubenyinsɛn na woawo ɔbabarima, na hwɛ sɛ oyiwan renka ne ti, efisɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ Nasareni a wɔayi no asi hɔ ama Onyankopɔn fi awo mu. Obegye Israel afi Filistifo nsam.”
Ɔbea no de mmirika kɔɔ ne kunu nkyɛn kɔbɔɔ no amanneɛ sɛ, “Onyankopɔn nipa bi yii ne ho adi kyerɛɛ me. Na ɔte sɛ Onyankopɔn abɔfo no mu baako a ne ho yɛ hu yiye. Mammisa no baabi a ofi bae, na ɔno nso ammɔ ne din ankyerɛ me. Nanso ɔka kyerɛɛ me se, ‘Wubenyinsɛn na woawo ɔbabarima. Enti nnom bobesa anaa nsa a ano yɛ den na nni biribiara a ɛyɛ akyiwade. Na wo babarima no bɛyɛ obi a wɔayi no asi hɔ ama Onyankopɔn sɛ Nasareni fi awo mu kosi bere a obewu.’ ”
Na Manoa bɔɔ Awurade mpae se, “Ao Awurade, mesrɛ wo, ma Onyankopɔn nipa no nsan mmra yɛn nkyɛn na ɔmmɛkyerɛ yɛn nhyehyɛe a ɛfa abarimaa a wɔbɛwo no no ho.”
Onyankopɔn tiee Manoa. Ɔbɔfo no yii ne ho adi kyerɛɛ no bio wɔ bere a ɔwɔ afum. Nanso na ne kunu Manoa nka ne ho wɔ hɔ. 10 Ɔbea no yɛɛ ntɛm kɔbɔɔ ne kunu amanneɛ se, “Ɔbarima a oyii ne ho adi kyerɛɛ me da no aba bio!”
11 Manoa yɛɛ ntɛm dii ne yere akyi. Oduu ɔbarima no ho no, obisaa no se, “Wo na wokaa biribi kyerɛɛ me yere no ana?”
Obuae se, “Yiw, ɛyɛ me.”
12 Enti Manoa bisaa no se, “Sɛ nsɛm a woaka no ba mu a, mmara bɛn na ɛwɔ hɔ fa abarimaa no asetena ne nʼadwumayɛ ho?”
13  Awurade bɔfo no buae se, “Hwɛ sɛ wo yere bedi nhyehyɛe a mekyerɛɛ no no so. 14 Ɛnsɛ sɛ odi bobe anaa biribiara a efi bobe mu. Ɛnsɛ sɛ ɔnom bobesa anaa nsa a ano yɛ den. Ɛnsɛ sɛ odi aduan biara a ɛyɛ akyiwade.”
15 Enti Manoa ka kyerɛɛ Awurade bɔfo no se, “Mesrɛ wo, tena ha kosi sɛ yebesiesie abirekyi ba bi ama woadi ansa na woakɔ.”
16  Awurade bɔfo no buae se, “Mɛtena, nanso, merenni biribiara. Mmom, mutumi siesie ɔhyew afɔre sɛ afɔrebɔde de ma Awurade.” (Na Manoa anhu sɛ ɔyɛ Awurade bɔfo.)
17 Afei, Manoa bisaa Awurade bɔfo no se, “Wo din de dɛn? Sɛ nsɛm yi nyinaa ba mu a, yɛpɛ sɛ yɛhyɛ wo anuonyam.”
18  Awurade bɔfo no bisaa no se, “Adɛn nti na wubisa me din? Sɛ mebɔ me din kyerɛ wo a, worente ase.”
19 Afei, Manoa faa abirekyi ba no ne aduan afɔrebɔde de bɔɔ afɔre wɔ ɔbotan bi so maa Awurade. Na Manoa ne ne yere rehwɛ no, Awurade yɛɛ anwonwade bi. 20 Ogyaframa a ɛwɔ afɔremuka no mu no teɛ kɔɔ wim no, Awurade bɔfo no faa mu foro kɔe. Na Manoa ne ne yere huu saa no, wɔde wɔn anim butubutuw fam.
21 Ɔbɔfo no anyi ne ho adi bio ankyerɛ Manoa ne ne yere. Afei, Manoa huu sɛ ɛyɛ Awurade bɔfo, 22 na ɔka kyerɛɛ ne yere se, “Yebewuwu, efisɛ yɛahu Onyankopɔn!”
23 Nanso ne yere kae se, “Sɛ Awurade bekum yɛn a, anka wannye yɛn ɔhyew afɔre ne aduan afɔre no. Anka ɔrenyi ne ho adi nkyerɛ yɛn, nka anwonwasɛm nkyerɛ yɛn, nyɛ saa anwonwade yi nso.”
24 Ɔbea no woo ne babarima no, wɔtoo ne din Samson. Na abofra no renyin no, Awurade hyiraa no. 25 Na bere a ɔwɔ Mahane Dan a ɛwɔ Sora ne Estaol ntam no, Awurade Honhom fii ase baa ne so.