15
Samson Aweretɔ Wɔ Filistifo So
Akyiri no, awitwabere mu no, Samson faa abirekyi ba sɛ ɔde rekɔkyɛ ne yere. Ɔpɛɛ sɛ anka ɔkɔda ne nkyɛn, nanso ɔbea no agya amma no mu kwan.
Ɔbea no agya no kae se, “Medwenee sɛ na wotan no, ɛno nti, mede no ama ɔbarima a na odi wʼanan ase wɔ mo ayeforohyia mu no. Nanso hwɛ ne nuabea ho yɛ fɛ sen no. Ware no si anan.”
Samson kae se, “Saa bere yi, obiara rentumi mmɔ me sobo wɔ biribiara a merebɛyɛ mo Filistifo ho.” Afei ofii hɔ kɔe, kɔkyeree sakraman ahaasa. Ɔkyekyeree sakraman abien abien dua bɔɔ ho, na ɔkyekyeree ogyatɛn fam dua abien biara ho. Ɔsɔɔ ogyatɛn no na ɔmaa sakraman no tuu mmirika faa Filistifo mfuw mu. Ɔhyew wɔn awi nyinaa pasaa; nea wɔahyehyɛ wɔ san so ne nea wontwae nyinaa. Ɔsɛee wɔn bobeturo ne ngonnua nyinaa.
Filistifo no bisae se, “Na hena na ɔyɛɛ saa amumɔyɛ yi?” Wɔn ara buae se, “Ɛyɛ Samson efisɛ nʼase barima a ofi Timna de Samson yere ama ɔbarima a na odi ne nan ase wɔ wɔn ayeforohyia mu no aware.” Enti Filistifo no kɔkyeree ɔbea no ne nʼagya hyew wɔn ma wowuwui.
Samson suae se, “Esiane nea moayɛ yi nti, metua mo so ka na merennyae ara da kosi sɛ me bo bɛtɔ me yam!” Enti ɔde abufuw kɔtow hyɛɛ Filistifo no so kunkum wɔn mu bebree. Afei, ɔkɔtenaa ɔbodan bi a ɛwɔ ɔbotan bi mu wɔ Etam.
Filistifo no nso kyeree nsraban wɔ Yuda sɛee Lehi kurow no de tuaa ne so ka. 10 Yuda mmarima bisaa Filistifo no se, “Adɛn nti na motow hyɛ yɛn so saa?”
Filistifo no buae se, “Yɛaba sɛ yɛrebɛkyere Samson. Nea ɔyɛɛ yɛn no, yɛrebetua no so ka.” 11 Enti Yudafo mpensa kɔɔ ɔbodan a ɛwɔ ɔbotan mu wɔ Etam no sɛ wɔrekɔkyere Samson. Wɔka kyerɛɛ Samson sɛ, “Wunnim sɛ Filistifo na wodi yɛn so? Dɛn na woreyɛ yɛn yi?”
Nanso Samson buae wɔn se, “Nea wɔyɛɛ me no na mituaa wɔn so ka.”
12 Nanso Yuda mmarima ka kyerɛɛ no se, “Yɛaba sɛ yɛrebɛkyekyere wo na yɛde wo akɔma Filistifo.”
Samson kae se, “Monhyɛ me bɔ sɛ mo ankasa de, morenkum me.”
13 Wobuae se, “Yɛbɛkyekyere wo de wo akɔma Filistifo. Yɛrenkum wo.” Enti wɔde hama foforo abien guu ne so kyekyeree no papee, twee no fii ɔbotan no mu.
14 Samson duu Lehi no, Filistifo no bɔɔ ose. Na Awurade Honhom tumi mu ahoɔden baa Samson so. Ɔtetew ahama a egu ne nsa so no mu te sɛ nhoma nketewa bi a ogya aka, maa ne nyinaa tetew fii ne nsakɔn guu fam. 15 Afei, ɔmaa afurum abogye bi a na ɛda fam so de kunkum Filistifo apem. 16 Na Samson kae se,
“Mede afurum abogye,
Ahɔre wɔn sɛ siw!
Mede afurum abogye,
akunkum mmarima apem!”
17 Na owiee kasa no, ɔtow abogye no kyenee. Na wɔtoo beae hɔ din Ramat-Lehi a ase ne Abogye bepɔw.
18 Ɛbaa sɛ osukɔm dee Samson yiye nti osu frɛɛ Awurade sɛ, “Wonam wʼakoa ahoɔden so adi saa nkonim kɛse yi. Na enti osukɔm nkum me, na minwu wɔ saa abosonsomfo yi nsam ana?” 19 Enti Awurade maa nsu pue fii tokuru bi mu wɔ Lehi asase so baabi. Na Samson nom bi no, ne ho san no. Na ɔtoo hɔ din se En-Hakore, na ɛda so wɔ Lehi de besi nnɛ.
20 Samson yɛɛ Israel so temmufo mfe aduonu; bere a na Filistifo di Israel asase so no.