16
Samson Tutu Gasa Apon
Da bi, Samson kɔɔ Filistifo kuropɔn Gasa mu, na ɔne ɔbea guamanfo bi kɔdaa anadwo no. Ankyɛ na kurowmma no tee sɛ Samson wɔ hɔ, enti Gasa mmarima boaboaa wɔn ho ano na wɔtwɛn kurow no pon ano anadwo mu no nyinaa. Wɔyɛɛ komm anadwo no kae se, “Ade kye a yebekum no.”
Na Samson daa hɔ ara kosii ɔdasu mu. Ɔsɔre soo kurow no apon no ne nʼaponnua abien mu hodwow no, na otutuu dade abaa a ɛda akyi ne nea ɛkeka ho nyinaa. Ɔde ne nyinaa guu ne mmati so, soa de kɔɔ bepɔw bi a ɛne Hebron di nhwɛanim no atifi.
Samson Ne Delila
Akyiri no, Samson nyaa ɔbea bi wɔ Sorek bon no mu a na wɔfrɛ no Delila. Filistifo* ntuanofo no kɔɔ ɔbea no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Hwɛ sɛ wubetumi adaadaa Samson ama wakyerɛ wo nea ɛma onya ahoɔden saa ne sɛnea yebetumi adi ne so, akyekyere no papee a yɛn mu biara bɛma wo nnwetɛbona du abien ne fa.”
Enti Delila ka kyerɛɛ Samson se, “Mesrɛ wo kyerɛ me nea ɛma wo ahoɔden saa ne nea ɛbɛyɛ a wobetumi akyekyere wo papee.”
Samson buaa no se, “Sɛ obi de agyan so ahama ason a ɛnwoe kyekyere me a, mɛyɛ mmerɛw te sɛ onipa biara.”
Enti Filistifo ntuanofo no de agyan so ahama ason a ɛnwoe brɛɛ Delila ma ɔde kyekyeree Samson. Saa bere yi na ɔde mmarima ahintaw wɔ adan a ɛwɔ ne fi no baako mu; na ɔteɛɛ mu se, “Samson, Filistifo no aba rebɛkyere wo!” Nanso ɔtetew agyan ahama ason a ɛnwoe no mu te sɛ hama bi a wɔde aka ogya a ɛdɛw. Enti wɔanhu nʼahoɔden no ahintasɛm.
10 Akyiri no, Delila ka kyerɛɛ no se, “Wudii me ho fɛw, twaa me nkontompo. Afei, mesrɛ wo kyerɛ me sɛnea wobetumi akyekyere wo papee.”
11 Samson buaa no se, “Sɛ wɔde ntampehama amono a wɔmfa nnii dwuma biara da kyekyere me a, meyɛ mmerɛw te sɛ onipa obiara.”
12 Enti Delila kɔfaa ntampehama amono de kyekyeree no. Saa bere no na mmarima no akɔtetɛw wɔ dan mu te sɛ kan no. Bio, Delila teɛɛ mu frɛɛ no se, “Samson! Filistifo aba sɛ wɔrebɛkyere wo!” Nanso Samson tetew ntampehama no mu fii ne nsa so te sɛ asaawa bi.
13 Delila ka kyerɛɛ no se, “Wudii me ho fɛw twaa me nkontompo! Worenkyerɛ me sɛnea wobetumi akyekyere wo papee ana?”
Samson buaa no se, “Sɛ wonwen me tinwi mmɛsa ason no bɔ ntama bamma a ɛwɔ wʼakurokurowa no mu a, mɛyɛ mmerɛw te sɛ obiara.” Enti ɔdae no, Delila bɔɔ ne tinwi mmɛsa ason no 14 de bɔɔ ntama bamma a ɛwɔ akurokurowa no so.
Bio, ɔteɛɛ mu se, “Samson! Filistifo no aba rebɛkyere wo!” Ɛhɔ ara, Samson nyanee, twee akurokurowa no yii ne tinwi no fii ntama bamma no mu.
15 Delila sɔm nʼano kae se, “Wutumi ka sɛ wodɔ me, wɔ bere a wonka wo kokoamsɛm nkyerɛ me? Woadi me ho fɛw mprɛnsa, nanso wonkaa nea ɛma wo ahoɔden no nkyerɛɛ me ɛ!” 16 Oguan ne ho adekyee biara kosii sɛ afei na ne ho guan no.
17 Ne korakora no, Samson kaa nʼahintasɛm kyerɛɛ no se, “Wonyii me tinwi da, efisɛ wɔde me maa Onyankopɔn sɛ Nasareni fi awo mu. Sɛ woyi me tinwi a, mʼahoɔden no befi me mu ama mayɛ mmerɛw te sɛ obiara.”
18 Delila huu sɛ afei de waka nokware akyerɛ no no, ɔsoma kɔfrɛɛ Filistifo ntuanofo no se, “Mommra bio, efisɛ waka biribiara akyerɛ me.” Enti Filistifo ntuanofo no san wɔn akyi kɔfaa sika no bae. 19 Delila dɛfɛdɛfɛ Samson ma ɔdae a, ne ti da ne srɛ so. Ɔfrɛɛ ɔbarima bi ba ma obeyii ne tinwi sɛnea ne kyere no bɛyɛ yiye. Na nʼahoɔden no fii ne mu. 20 Afei, ɔteɛɛ mu se, “Samson! Filistifo no aba rebɛkyere wo!”
Onyan no, ɔkaa wɔ ne tirim se, “Mɛyɛ sɛnea kan no na meyɛ no; mɛwosow me ho agye me ho.” Nanso na onnim sɛ Awurade afi ne mu.
21 Na Filistifo no kyeree no, tutuu nʼani. Wɔde no kɔɔ Gasa na woguu no kɔbere mfrafrae mpokyerɛ ma ɔyam atoko wɔ afiase. 22 Nanso ankyɛ na ne tinwi no fii ase fuwii.
Samson Nkonimdi A Edi Akyiri
23 Filistifo ntuanofo no hyɛɛ fa kɛse bi, bɔɔ afɔre maa wɔn nyame Dagon dii ahurusi kae se, “Yɛn nyame de Samson a ɔyɛ yɛn tamfo no ahyɛ yɛn nsam!”
24 Bere a nnipa no huu no no, wɔkamfoo wɔn nyame kae se,
“Yɛn nyame de yɛn tamfo
ahyɛ yɛn nsam;
nea okunkum yɛn mu bebree no,
yɛn nsa aka no!”
25 Nnipa no bow nsa kakra no, wɔhyɛɛ sɛ, “Momfa Samson mmra na ommegye yɛn ani.” Enti woyii Samson fii afiaase. Wɔde no gyinaa asɔredan no mfimfini wɔ adum abien a ekura ɔdan no nkuruso no ntam.
26 Samson ka kyerɛɛ ɔsomfo a okura ne nsa rekyerɛ no kwan no se, “Ma memfa me nsa nsuso adum abien no mu, na minnye mʼahome.” 27 Na nnipa ahyɛ hyiadan mu hɔ ma tɔ. Filistifo ntuanofo no nyinaa wɔ hɔ bi. Na ɔdan no so nkuruso no nso na mmarima ne mmea bɛyɛ mpensa wɔ so a wɔrehwɛ Samson na wɔredi ne ho fɛw.
28 Na Samson su frɛɛ Awurade se, “Otumfo Awurade, kae me bio. Onyankopɔn, mesrɛ wo ma me ahoɔden bio na mintua Filistifo so ka wɔ mʼani a wɔatutu no ho.” 29 Afei Samson susoo adum abien a ɛwɔ hyiadan no mfimfini no mu. Ɔde nʼahoɔden nyinaa piae. 30 Samson bɔɔ mpae se, “Ma me ne Filistifo no nwu.” Na hyiadan no dwiriw guu Filistifo ntuanofo no ne nnipa no nyinaa so. Enti okum nnipa bebree sen dodow a okum wɔn bere a na ɔte ase no.
31 Akyiri no, ne nuabarimanom ne nʼabusuafo a wɔaka kɔfaa no. Wɔde no kɔɔ ne kurom kosiee no wɔ Sora ne Estaol ntam, faako a wosiee nʼagya Manoa hɔ. Samson dii Israelfo so sɛ otemmufo mfe aduonu.
* 16:5 Na Filisti yɛ nkurow anum a aka abɔ mu a wɔwɔ ahemfo baanum.