18
Dan Abusuakuw Mu Ahonisom
Saa bere no mu na Israel nni ɔhene. Na Dan abusuakuw rehwehwɛ baabi atena, efisɛ na wontumi mpam nnipa a wɔte asase a wɔde maa wɔn no so. Enti mmarima a wofi Dan abusuakuw yii akofo baanum a na wɔte Sora ne Estaol sɛ wɔnkɔhwehwɛ asase a wobetumi atena so.
Bere a saa akofo yi duu Efraim bepɔw asase so no, wɔkɔɔ Mika fi kɔdaa hɔ anadwo no. Wotiee Lewini aberante no sɛnea na ɔrekasa no, wɔde no kɔɔ nkyɛn bisaa no se, “Hena na ɔde wo baa ha na dɛn na woreyɛ? Na adɛn nti na wowɔ ha?” Ɔkaa nhyehyɛe a ɔne Mika ayɛ kyerɛɛ wɔn na ɔkyerɛɛ mu sɛ, ɔyɛ ɔsɔfo ma Mika.
Na wɔkae se, “Bisa Awurade ma yɛn sɛ yɛn akwantu yi besi yiye anaasɛ ɛrensi yiye.”
Ɔsɔfo no kae se, “Monkɔ no asomdwoe mu, efisɛ, Awurade bedi mo anim wɔ mo akwantu no mu.”
Na mmarima baanum no kɔɔ kurow bi a wɔfrɛ no Lais mu. Wohuu sɛ nnipa a hwee mfa wɔn ho te sɛ Sidonfo na wɔte hɔ. Na wɔwɔ asomdwoe ne bammɔ. Na nnipa no wɔ sika, efisɛ na wɔn asase no yɛ asase bere. Na wɔne Sidon ntam twe yiye, na wɔne obiara nni twaka.
Bere a wɔsan kɔɔ Sora ne Estaol no, wɔn nuanom bisaa wɔn se, “Dɛn na muhui?”
Na wobuae se, “Momma yɛnkɔtow nhyɛ wɔn so! Yɛahu asase no na eye pa ara. Monntwentwɛn mo anan ase koraa, monkɔfa asase no. 10 Sɛ mudu hɔ a, mubehu nnipa a hwee mfa wɔn ho wɔ hɔ. Onyankopɔn ama yɛn asase bere yantamm a biribiara wɔ so.”
11 Enti akofo ahansia a wofi Dan abusuakuw mu sii mu fii Sora ne Estaol. 12 Wɔkyeree nsraban wɔ beae bi a ɛwɔ Kiriat-Yearim atɔe fam wɔ Yuda asase so. Wɔfrɛ hɔ Mahane Dan besi nnɛ. 13 Wofi hɔ no, wɔkɔɔ Efraim bepɔw asase no so, baa Mika fi.
14 Enti mmarima baanum a wɔkɔsraa Lais asase no ka kyerɛɛ wɔn a wɔaka no se, “Nsɔree so bi wɔ ha a asɔfotade kronkron, abusua ahoni, ne ohoni a wɔagu ho wɔ hɔ. Munim nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ.” 15 Enti mmarima baanum no kɔɔ Mika fi, faako a Lewini aberante no te na wokyiaa no fɛw so. 16 Saa bere no na akofo ahansia a wofi Dan abusuakuw mu no gyinagyina abɔntenpon no ano pɛɛ, 17 na akwansrafo baanum no kɔɔ nsɔree so hɔ, kɔfaa ohoni, asɔfotade kronkron, ne abusua ahoni no.
18 Bere a ɔsɔfo no huu sɛ mmarima no retwe akronkronne no afi Mika nsɔree so hɔ no, obisaa wɔn se, “Dɛn na moreyɛ yi?”
19 Wobuaa no se, “Mua wʼano! Di yɛn akyi na bɛyɛ yɛn nyinaa agya ne yɛn sɔfo. Wunnye nni sɛ eye sɛ wobɛyɛ Israel abusuakuw bi sɔfo sen sɛ wobɛyɛ onipa baako fi mu sɔfo?” 20 Ɔsɔfo aberante no ani gyei sɛ ɔne wɔn bɛkɔ. Enti ɔfaa asɔfotade kronkron no, abusua ahoni ne ohoni a wɔagu no. 21 Wosii mu bio de wɔn mma, nyɛmmoa ne wɔn agyapade, dii wɔn anim.
22 Bere a Dan abusuakuw mu nnipa no afi Mika fi kɔ akyirikyiri no, Mika ne nʼafipamfo mu bi tiw wɔn. 23 Wɔbɛn wɔn no wɔteɛteɛɛ mu. Na Dan mmarima no dan wɔn ani kae se, “Dɛn na morehwehwɛ? Adɛn nti na woafrɛ nnipa yi aboa ano na moretaa yɛn sɛɛ?”
24 Mika buae se, “Wubisa sɛ dɛn na worehwehwɛ a na wokyerɛ dɛn? Moafa mʼanyame nyinaa ne me sɔfo, na minni hwee bio!”
25 Dan mmarima no buae se, “Hwɛ nea woreka no yiye! Yɛn mu bi bo nkyɛ fuw, anhwɛ a wɔn bo befuw na wɔakum wo ne wʼabusuafo.” 26 Enti Dan mmarima no toaa so kɔɔ wɔn kwan. Mika huu sɛ nnipa no dɔɔso a enti ontumi ntow nhyɛ wɔn so no, ɔdan ne ho kɔɔ fie.
27 Dan mmarima faa Mika ahoni ne ne sɔfo no de wɔn baa kurow Lais a emu nnipa wɔ asomdwoe ne bammɔ no mu. Wɔtow hyɛɛ emu nnipa no so, kunkum wɔn nyinaa, hyew kurow no dwerɛbee. 28 Na obiara nni hɔ a obegye kurow no mufo, efisɛ na nea wɔte no ne Sidon mu twe na wonni adɔfo a wɔbɛn nso. Saa asɛm yi sii wɔ obon a ɛbɛn Bet-Rehob no mu.
Afei, Dan abusuakuw no mma san kyekyeree kurow no, na wɔtenaa hɔ. 29 Wɔde kurow no too Dan a ɔyɛ wɔn tete agya Israel no ba, na kan no wɔfrɛ hɔ Lais.
30 Afei, wogyinaa ohoni a wɔagu no na wɔfaa Gersom babarima Yonatan a ɔyɛ Mose aseni sɛ wɔn sɔfo. Saa ofi yi mu nnipa kɔɔ so yɛɛ asɔfo maa Dan abusuakuw kosii Otukɔ bere. 31 Enti Dan abusuakuw no toaa so som ohoni a ɛyɛ Mika dea no wɔ bere tenten a na Onyankopɔn Ahyiae Ntamadan no wɔ Silo.