19
Lewini Ne Ne Mpena
Saa bere no na Israel nni ɔhene. Na ɔbarima bi a ofi Lewi abusuakuw mu te Efraim bepɔw asase no so akyirikyiri baabi. Da bi, ɔde ɔbea bi fi Betlehem a ɛwɔ Yuda baa fie sɛ ne mpena. Nanso ɔbea no anni no nokware enti ɔsan kɔɔ nʼagya fi wɔ Betlehem. Asram anan akyi no, ne kunu no faa ɔsomfo ne afurum foforo kaa ne ho kɔɔ Betlehem sɛ ɔde rekɔdɛfɛdɛfɛ no na wasan nʼakyi aba. Oduu ɔbea no agya fi no, ɔde no kɔɔ ofi no mu maa nʼagya no gyee no fɛw so. Ɔbea no agya ka kyerɛɛ no se ɔntena nkyɛ kakra. Enti odii nnansa, didi, nom, daa hɔ.
Ne nnannan so no, ɔbarima no sɔree anɔpa, pɛɛ sɛ ɔkɔ. Nanso ɔbea no agya ka kyerɛɛ no se, “Didi ansa na woakɔ.” Enti wɔn baanu no tenaa ase didi, nomee. Afei, ɔbea no agya ka kyerɛɛ no se, “Mesrɛ wo, da anadwo yi na gye wʼani.” Ɔbarima no sɔree sɛ anka ɔrekɔ, nanso nʼase no hyɛɛ no sɛ ɔntena. Enti ɔpenee so daa hɔ anadwo no. Nnaanum so anɔpa no, ɔsɔree bio a ɔpɛɛ sɛ ɔkɔ. Nanso bio, ɔbea no agya kae se, “Didi ansa, na awia mu kakra no wubetumi akɔ.” Enti wɔsan didii bio.
Awia no, ɔbarima no ne ne mpena no ne ne somfo boaboaa wɔn ho pɛɛ sɛ wɔkɔ. Nanso nʼase no ka kyerɛɛ no se, “Muntie! Ade reyɛ asa. Montena na munnye mo ani anadwo yi. Ɔkyena mubetumi asi mu anɔpahema.”
10 Nanso afei de, ɔbarima no pɛɛ sɛ ɔbɛkɔ. Enti ɔfaa ne mfurum abien a wɔahyehyɛ wɔn no ne ne mpena no, na wɔde wɔn ani kyerɛɛ Yebus (a ɛyɛ Yerusalem). 11 Bere a woduu Yebus no na ade reyɛ asa, na ɔsomfo no ka kyerɛɛ ne wura no se, “Ade reyɛ asa, enti momma yɛnna Yebusifo kuropɔn yi mu anadwo yi.”
12 Ne wura no buae se, “Dabi, yɛrentumi ntena ananafo kuropɔn a Israelfo nni mu yi mu. Yɛbɛtoa so akɔ Gibea. 13 Yebenya nnabea anadwo yi wɔ Gibea anaa Rama.” 14 Enti wɔtoaa so. Wɔrebedu kurow Gibea a ɛwɔ Benyamin asase so no, na owia rekɔtɔ. 15 Ɛhɔ na wɔdaa anadwo no. Wɔdaa kurow no abɔnten kɛse so, na obiara amfa wɔn ankɔ fie ankɔsom wɔn hɔho.
16 Anwummere no, akwakoraa bi fii nʼafum baa fie. Na ofi Efraim bepɔw asase so, nanso na ɔte Gibea wɔ Benyamin asase so. 17 Bere a ohuu akwantufo yi sɛ wɔtete kurow no abɔnten kɛse so no, obisaa wɔn faako a wofi ne nea wɔrekɔ.
18 Ɔbarima no buaa no se, “Yefi Betlehem a ɛwɔ Yuda na yɛrekɔ Efraim bepɔw asase no so; kurow bi a ɛwɔ akyirikyiri, na yɛrekɔ Awurade Hyiadan. Nanso obiara amfa yɛn ankɔ ne fi ankɔma yɛn nnabea, 19 ɛwɔ mu sɛ yɛwɔ nea ehia yɛn biara. Yɛwɔ sare ne aduan a yɛde bɛma yɛn mfurum; yenhia hwee.”
20 Akwakoraa no kae se, “Mommra me fi. Mɛma mo biribiara a ebehia mo. Na anadwo yi de, ɛnsɛ sɛ moda abɔnten kɛse so ha.” 21 Enti ɔfaa wɔn de wɔn kɔɔ ne fi, na ɔmaa wɔn mfurum no aduan. Wɔhohoroo wɔn nan ase wiei no, wɔbɔɔ mu didii.
22 Bere a wɔregye wɔn ani no, kurow no mu nnipa bɔnefo bi betwaa ofi no ho hyiae. Wofii ase pempem ɔpon no teɛteɛɛ mu guu akwakoraa no so se, “Fa ɔbarima a wabɛsoɛ wo no ma yɛn sɛnea yebetumi ne no ada.”
23 Akwakoraa no fi ba bɛkasa kyerɛɛ wɔn se, “Dabi, anuanom, monnyɛ bɔne a ɛte saa. Saa ɔbarima yi yɛ me hɔho na sɛ moyɛ saa a, ɛbɛyɛ animguase. 24 Me babea ɔbabun ne ɔbarima yi mpena ni. Mede wɔn bɛma mo. Na nea mopɛ biara no monyɛ wɔn. Na mo ne saa ɔbarima yi nyɛ saa animguasede yi.”
25 Nanso wɔantie no. Enti Lewini no faa ne mpena no piaa no fii adi. Na kurow no mu mmarima no faa no nnidiso nnidiso kosii adekyee. Ahemadakye no na wogyaw no ma ɔkɔe. 26 Ɔbea no koduu ofi a ne kunu no te mu no pon ano ara pɛ na ɔtɔɔ mum. Ɔdaa hɔ ara kosii sɛ anim tetewee.
27 Bere a ne kunu buee ɔpon no sɛ ɔrepue pɛ na ohuu sɛ ɔda hɔ. Na nʼanim butuw hɔ a ne nsa gu apongua no so. 28 Ohuu no no, ɔkae se, “Sɔre! Ma yɛnkɔ!” Nanso wammua. Enti ɔde no too nʼafurum no so de no kɔɔ fie.
29 Oduu fie no, ɔtwee afoa de twitwaa ne mpena no mu asinasin dumien. Na ɔde sin baako biara kɔɔ Israel mmusuakuw dumien no mu. 30 Na obiara a ohuu saa aninyanne yi kae se, “Efi bere a Israel fii Misraim no, obi nnii saa amumɔyɛsɛm yi bi da. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛkasa na yɛyɛ ho biribi?”