20
Israelfo Tu Benyaminfo So Sa
Afei, Israelfo nyinaa; fi Dan kosi Beer-Seba ne Gilead asase so behyiaa wɔ Awurade anim sɛ nnipa baako wɔ Mispa. Nnipa no nyinaa ne Israel mmusuakuw no nyinaa ntuanofo, akofo mpem ahannan a wokurakura afoa kɔɔ Onyankopɔn mma guabɔ no ase. (Nkra duu Benyamin asase so sɛ Israelfo mmusuakuw a wɔaka no kɔ Mispa.) Israelfo no bisaa nea ɛyɛɛ a saa awudisɛm yi sii.
Enti Lewini a ɔyɛ ɔbea a wokum no no kunu no kae se, “Me ne me mpena baa Gibea a ɛwɔ Benyamin asase so bɛdaa hɔ. Anadwo no Gibea ntuanofo no mu bi betwaa ofi no ho hyiae, pɛɛ sɛ wokum me, na wɔtoo me mpena no mmonnaa ma owui. Mefaa me mpena no twitwaa no asinasin de sin baako biara kɔɔ Israel mantam biara so. Efisɛ saa mmarima yi ayɛ atantanne ne aniwude wɔ Israel. Enti mprempren, ɛsɛ sɛ Israelfo nyinaa fa adwene wɔ eyi ho.”
Nnipa no nyinaa sɔre buae se, “Yɛn mu biara rensan nkɔ fie. Mmom, yɛbɛbɔ ntonto na yɛahu wɔn a wɔbɛkɔ akɔtow ahyɛ Gibea so. 10 Abusuakuw biara mu mmarima nkyɛmu du mu baako na wobeyi wɔn ama wɔama yɛn akofo no nnuan, na yɛn a yɛaka no nso atɔ Gibea so were wɔ animguasede a wɔayɛ wɔ Israel no.” 11 Enti Israelfo nyinaa ano kɔɔ bɛnkoro boaa wɔn ho ano sɛ wɔbɛkɔ akɔtow ahyɛ kurow no so.
12 Israelfo no somaa abɔfo kɔɔ Benyamin abusuakuw no mu kobisaa wɔn se, “Dɛn awurukasɛm na moadi wɔ mo mu yi? 13 Munyi saa amumɔyɛfo a wofi Gibea no mmra, na yenkum wɔn na yentu saa awurukasɛm yi ase mfi Israel.”
Nanso Benyaminfo no antie. 14 Mmom, wofifi wɔn nkurow mu boaa wɔn ho ano wɔ Gibea sɛ wɔne Israelfo no rebɛko. 15 Akofo mpem aduonu asia a wokurakura afoa koduu Gibea, kɔkaa akofo ahanson a na wɔte hɔ dedaw no ho. 16 Na Benyamin akofo no mu ahanson yɛ abenkumma a wɔn mu biara yɛ antoamfom wɔ ahwimmotow mu. 17 Na Israelfo wɔ akofo mpem ahannan a wokurakura mfoa a Benyamin akofo nka ho.
18 Ansa na wɔrebefi ɔko no ase no, Israelfo no kɔɔ Bet-El kobisaa Onyankopɔn se, “Abusuakuw bɛn na ɛsɛ sɛ wodi ɔko no anim tia Benyaminfo no?”
Awurade buae se, “Yuda na ɛsɛ sɛ wodi anim.”
19 Enti Israelfo no sii mu anɔpahema kɔkyeree nsraban wɔ baabi a ɛbɛn Gibea. 20 Afei, wotu teɛe de wɔn ani kyerɛɛ Gibea sɛ wɔrekɔtow ahyɛ Benyamin mmarima no so. 21 Nanso Benyamin akofo a na wɔrebɔ kurow no ho ban no pue kunkum Israelfo no mpem aduonu abien wɔ akono hɔ da no ara.
22 Nanso Israelfo nyaa akokoduru boaa wɔn ho ano wɔ faako a wɔkoo da a edi anim no. 23 Na wɔakɔ Bet-El akosu wɔ Awurade anim akosi anwummere. Afei, wobisaa Awurade se, “Yɛne yɛn ara abusuafo a wofi Benyamin nko bio ana?”
Na Awurade buae se, “Monkɔ na mo ne wɔn nkɔko.”
24 Enti wɔkɔko tiaa Benyamin akofo no, 25 na Benyamin mmarima no san kum Israelfo akofo a wonim afoa akodi yiye no mpem dunwɔtwe.
26 Ɛnna Israelfo no kɔɔ Bet-El kosuu wɔ Awurade anim kyen kɔm kosii anwummere. Wɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne aduan afɔre maa Awurade. 27 Na Israelfo kɔɔ Awurade anim kɔpɛɛ akwankyerɛ. (Saa bere no na Onyankopɔn apam adaka no wɔ Bet-El, 28 na Eleasar babarima Pinehas a ɔyɛ Aaron nena no na na ɔyɛ ɔsɔfo). Israelfo no bisaa Awurade se, “Ɛsɛ sɛ yɛko tia yɛn ara yɛn abusuafo Benyamin bio anaasɛ yennyae?”
Awurade buae se, “Monkɔ! Ɔkyena mɛma moadi wɔn so nkonim.”
29 Enti Israelfo de atɛwfo twaa Gibea ho nyinaa hyiae. 30 Ne nnansa so no, wɔboaa wɔn ho ano wɔ beae koro hɔ ara. 31 Bere a Benyaminfo akofo pue bae wɔ ɔko so no, wɔtwee wɔn fii kurow no mu. Na sɛnea na wɔayɛ pɛn no, wofii ase kunkum Israelfo no. Ɛbɛyɛ Israelfo aduasa na wowuwuu wɔ akono petee mu hɔ a bi deda akwan a ɛkɔ Bet-El ne Gibea ho. 32 Afei Benyamin akofo no teɛɛ mu se, “Yɛredi wɔn so sɛnea yedii wɔn so wɔ ɔko a edi kan no mu no!” Na saa bere no na Israelfo no apene so dedaw sɛ wobeguan ama Benyamin mmarima no ataa wɔn wɔ akwan no so, na ama wɔatwe wɔn afi kurow no mu.
33 Bere a Israelfo nsraadɔm kɛse no duu Baal-Tamar no, wɔdan wɔn ho koe. Ɛhɔ na Israelfo a wɔatɛw wɔ Geba no puee prɛko pɛ fi wɔn ahintawee 34 kosii Benyaminfo no akyi tow hyɛɛ wɔn so. Ɔko no mu yɛɛ den ara kosii sɛ na Benyaminfo no ntumi nhu amanehunu a ɛbɛba. 35 Ɛno nti, Awurade boaa Israel ma wodii Benyamin so nkonim. Saa da no, Israelfo kunkum Benyamin akofo no mpem aduonu anum ne ɔha, a na wɔn nyinaa nim afoa ano ko yiye. 36 Afei, Benyaminfo no huu sɛ wɔadi nkogu. Israelfo no guan fii Benyamin akofo no anim, sɛnea ɛbɛyɛ a, wɔn a wɔakohintaw no benya kwan ayɛ wɔn adwuma. 37 Afei, wɔn a na wɔatɛw no fii afanan nyinaa kɔɔ Gibea, kunkum obiara a ɔwɔ kurow no mu. 38 Wopun wusiw kumɔnn wɔ kurow no so, 39 a ɛyɛ nsɛnkyerɛnne ma Israelfo no sɛ wɔnsan mmra mmɛtow nhyɛ Benyamin akofo no so.
Saa bere no na Benyamin akofo no akum Israelfo no aduasa, a wɔteɛɛ mu se, “Yɛredi wɔn so sɛnea yedii wɔn so ɔko a edi kan no mu no!” 40 Nanso bere a Benyamin akofo no hwɛɛ wɔn akyi, na wohuu wusiw a atu nam wim wɔ kurow no mu baabiara no, 41 Israelfo no san ba bɛtow hyɛɛ wɔn so. Afei, Benyamin akofo no huu sɛ asɛm aba na wɔbɔɔ huboa. 42 Enti woguan de wɔn ani kyerɛɛ sare so. Nanso Israelfo no taa wɔn kunkum wɔn. 43 Israelfo no twaa Benyaminfo no ho hyiae, taa wɔn anibere so, kɔtoo wɔn wɔ Gibea atɔe fam. 44 Da no, Benyamin akofo akɛse mpem dunwɔtwe na wɔtotɔɔ wɔ ɔko no mu. 45 Wɔn a wɔanwuwu no guan kɔɔ sare so baabi a ɛbɛn Rimon ɔbotan no ho. Nanso Israelfo no kunkum wɔn mu mpem anum wɔ ɔkwan no so. Wɔtoaa so taa wɔn, kosii sɛ wokum mpenu wɔ baabi a ɛbɛn Gidom kaa ho.
46 Enti Benyamin abusuakuw no hweree akofo akokodurufo mpemaduonu anum saa da no, 47 maa ɛkaa mmarima ahansia pɛ a woguan kɔɔ ɔbotan Rimon ho kɔtenaa hɔ asram anan no. 48 Afei Israelfo no san ba bekunkum abɔde biara a nkwa wɔ mu wɔ nkurow no nyinaa mu, efi nnipa so kosi anantwi ne biribiara so. Na kurow biara a woduu so no, wɔhyew no dwerɛbee.