2
Ninewe Asehwe
Ɔtamfo reba wo so, Ninewe
bɔ aban no ho ban,
wɛn ɔkwan no,
bɔ wo ho so
na boa wʼahoɔden nyinaa ano!
 
Awurade de Yakob anuonyam bɛsan ama no
te sɛ Israel de no,
ɛwɔ mu sɛ, asɛefo no ama ada mpan
na wɔasɛe ne bobe mfuw.
 
Asraafo no nkatabo yɛ kɔkɔɔ;
akofo no hyehyɛ ɔkɔben akotade.
Nnade a wɔde yɛɛ nteaseɛnam no
twa yerɛw yerɛw sɛ da a wɔyɛɛ no;
mpeaw a wɔapema wɔ nnua so no rehim.
Nteaseɛnam no twiw fa mmɔnten so,
na wodi akɔneaba.
Wɔte sɛ ogyatɛn a ɛredɛw;
wɔbɔ yerɛdɛ te sɛ anyinam.
 
Ɔfrɛfrɛɛ nʼakofo a wodi mu,
nanso wohintihintiw wɔ ɔkwan mu.
Wɔde mmirika kɔ kuropɔn no afasu ho;
na wɔyɛ wɔn nkataanim krado.
Wobuebue asubɔnten apon no,
na ahemfi no dwiriw gu fam.
Wɔhyɛ mmaraden sɛ
wɔmfa kuropɔn no nnommum
na wɔmfa wɔn nkɔ.
Ne mfenaa de wɔn nsa gu wɔn koko so
su te sɛ mmorɔnoma.
Ninewe te sɛ ɔtare a
mu nsu resen kɔ.
Wɔteɛ mu se, “Munnyina hɔ! Munnyina hɔ!”
Nanso, obiara ansan nʼakyi.
Momfom dwetɛ no!
Momfom sikakɔkɔɔ no!
Ahonyade a ɛwɔ adekoradan mu nyinaa!
Na ahonyade no dɔɔso.
10 Wɔabɔ Ninewe korɔn, wɔayɛ no pasaa!
Koma botow, na nkotodwe wosowosow,
nnipa ho popo na wɔn anim hoa.
 
11 Mprempren he na gyata buw no wɔ,
faako a wɔma wɔn mma aduan no,
faako a gyatanini ne gyatabere kɔe
na wɔn mma nso kɔ a wonsuro?
12 Gyata akum nea ɛbɛmee ne mma.
Wabobɔ hanam ama gyatabere no.
Ɔde nea wakum ahyɛ ne bon ma
na ɔde hanam ahyɛ nʼatu amaama.
13 “Me ne wo nka,”
sɛnea Asafo Awurade se ni,
“Mɛhyew wo nteaseɛnam na adan wusiw
na afoa bekunkum wo gyatamma.
Merennyaw wo hanam biara wɔ asase so.
Wɔrente wʼasomafo no nne bio.”