3
Ninewe Nnome
Nnome nka mogya kuropɔn
a atoro ne korɔn ahyɛ no ma
na amanehunufo mpa mu da!
Apɔnkɔkafo abaa regyigye,
nteaseɛnam nhankare reyɛ kirididi
Apɔnkɔ rehuruhuruw
ne nteaseɛnam redankyidankyi.
Apɔnkɔ ne wɔn sotefo ko kɔ wɔn anim;
afoa twa yerɛw yerɛw,
na mpeaw nso pa yerɛw yerɛw.
Atɔfo bebree,
awufo a bi deda bi so,
afunu a wontumi nkan wɔn dodow
a nnipa tiatia so.
Eyi nyinaa fi oguamanfo bi akɔnnɔ,
ntafowayifo no nnaadaa dodow no.
Ɔno na ɔde nʼaguamammɔ tɔn amanaman
na ɔde ne ntafowayi tɔn nnipa.
“Me ne wo nka,” sɛnea Asafo Awurade se ni,
“Mɛpagyaw wʼatade akɔ soro.
Mɛma amanaman ahu wʼadagyaw
na ahenni ahorow nso ahu wʼanimguase.
Mede fi bɛsra wo ho,
mebu wo animtiaa
na mama nnipa ahwɛ wo.
Obiara a obehu wo beguan afi wo ho aka se,
‘Ninewe adwiriw, na hena na obesu no?’
Ɛhe na menya obi akyekye wo werɛ?”
 
Wuye sen Tebes a
ɛda Asubɔnten Nil ho a
nsu atwa ne ho ahyia ana?
Asubɔnten bɔ ne ho ban
na nsu yɛ ne fasu.
Kus ne Misraim yɛ ne dɔm a wontumi nkan wɔn.
Put ne Libia ka nʼadomfo ho.
10 Nanso wɔfaa no nnommum
twaa no asu.
Wɔtow ne nkokoaa hwehwee fam
ma wɔtetee wɔ mmɔnten so.
Wɔbɔɔ nʼadehye so ntonto,
na nʼatitiriw nso wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guguu wɔn.
11 Wo nso wobɛbow
Na wubehintaw wo ho
de akɔpɛ guankɔbea wɔ atamfo nkyɛn.
 
12 Wʼaban nyinaa te sɛ borɔdɔma nnua
a asow aba foforo:
sɛ wɔwosow a
aba no tetew gu ma nea ɔrehwehwɛ bi adi.
13 Hwɛ wʼakofo
wɔn nyinaa yɛ mmea!
Wʼasase so apon ano deda hɔ ma wʼatamfo;
ogya ahyew wʼapon no akyi adaban.
 
14 Sesaw nsu sie ma bere a wɔatua mo ano no.
Yere wo bammɔ mu!
Wɔw dɔte no
na siesie ntayaa a wɔato no!
15 Ɛhɔ na ogya bɛhyew wo;
afoa betwa wo ahwe fam,
wobedi wo nam sɛ mmoadabikuw.
Monnɔ sɛ tɛwtɛw,
mo ase mfɛe sɛ mmoadabi!
16 Woama wʼaguadifo adɔɔso,
wɔn dodow asen ɔsoro nsoromma,
nanso wɔte sɛ mmoadabi a wɔbɔ asase no kwaterekwa
na afei wotu kɔ.
17 Wʼawɛmfo te sɛ mmoadabi.
Wʼadwumayɛfo te sɛ mmoadabi akuw
a wɔsensam ban ho awɔw da.
Nanso sɛ owia pue a wotu kɔ,
na obi nnim faako a wɔkɔ.
 
18 Asiriahene wo nguanhwɛfo retɔ nko.
Wʼanuonyamfo deda hɔ rehome.
Wo nkurɔfo abɔ apete wɔ mmepɔw no so
a wonni anoboaboafo.
19 Aduru biara rentumi nkum wʼapirakuru no;
wo kuru no bekum wo.
Obiara a ɔte wo nka no
bɔ ne nsam wɔ wʼasehwe ho,
Na hena koraa na wʼatirimɔdensɛm
no bi nkaa no da?