Dwom 13
Dawid dwom. 
 
1 Awurade enkosi da bɛn? Wo werɛ befi me afebɔɔ ana?  
Enkosi da bɛn na wode wʼanim behintaw me?   
2 Enkosi da bɛn na mene mʼadwennwene bedi aperepere  
na awerɛhow ahyɛ me koma mu daa?  
Mʼatamfo nni me so nkonim nkosi da bɛn?   
   
 
3 Twa wʼani hwɛ me na bua me, Awurade, me Nyankopɔn.  
Ma mʼani so nyɛ hann, na manna owu nna.   
4 Me tamfo bɛka se, “Madi ne so nkonim.”  
Na mʼahohiahiafo bedi ahurusi bere a mahwe ase.   
   
 
5 Nanso mede me ho to wo dɔ a ɛnsa da no so;  
me koma di ahurusi wɔ wo nkwagye mu.   
6 Mɛto dwom ama Awurade,  
efisɛ ɔne me adi no yiye.  
Wɔde ma dwonkyerɛfo no.