Dwom 14
Dawid dwom. 
 
1 Ɔkwasea ka wɔ ne koma mu se,  
“Onyankopɔn bi nni hɔ.”  
Wɔaporɔw, na wɔn nneyɛe yɛ fi  
na wɔn mu biara nni hɔ a ɔyɛ ade pa.   
   
 
2 Awurade fi ɔsoro hwɛ  
adesamma wɔ fam  
sɛ obehu wɔn mu bi a wɔwɔ ntease,  
anaa ebinom a wɔhwehwɛ Onyankopɔn.   
3 Nanso nnipa nyinaa atwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho;  
wɔn nyinaa ayɛ bɔne.  
Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa.  
Ɔbaako mpo nni hɔ.   
   
 
4 Enti abɔnefo rensua nyansa ana?  
   
 
Wɔwe me nkurɔfo te sɛnea nnipa di aduan.  
Wonnsu mfrɛ Awurade?   
5 Nanso wonni, ehu akyekyere wɔn,  
efisɛ Onyankopɔn te wɔn a wɔteɛ mu.   
6 Mo nnebɔneyɛfo sɛe ahiafo nhyehyɛe,  
nanso, Awurade ne wɔn guankɔbea.   
7 Ao, Israel nkwagye mfi Sion mmra!  
Awurade bɛsan de ne nkurɔfo agyapade ama wɔn.  
Na Yakob adi ahurusi, na Israel ani agye!