13
Abia Ne Yeroboam Di Ako
Bere a Yeroboam dii hene wɔ Israel no, ne mfe dunwɔtwe so, na Abia fii ase dii hene wɔ Yuda. Odii hene mfe abiɛsa wɔ Yerusalem. Na ne na din de Maaka a ɔyɛ Uriel a ofi Gibea no babea.
Na ɔko baa Abia ne Yeroboam ntam. Ɔhene Abia de akofo akɛse mpem ahannan dii Yuda anim, kohyiaa Yeroboam a ɔno nso akɔfa mmarima akofo akokodurufo mpem ahanwɔtwe afi Israel.
Bere a Yuda asraafo no duu Efraim mmepɔw nsase no so no, Abia gyinaa bepɔw Semaraim so, teɛɛ mu kyerɛɛ Yeroboam ne Israelfo asraafo no se, “Muntie me! Munnim sɛ Awurade, Israel Nyankopɔn, ne Dawid yɛɛ daa apam de Israel ahengua maa ɔne nʼasefo afebɔɔ ana? Nanso Nebat babarima Yeroboam a na ɔyɛ Dawid babarima Salomo somfo teta bi no bɛyɛɛ ne wura ɔfatwafo. Na ɛmaa ahuhufo dɔm kɔboaa no, bu faa Salomo babarima Rehoboam so na esiane sɛ na onnyinii, na onni osuahu biara nti, wantumi annyina ne wɔn anni asi.
“Wugye di yiye sɛ wubetumi agyina, atia Awurade ahenni a Dawid asefo tua ano no? Wʼasraafodɔm no so yiye. Nantwimma a Yeroboam de sikakɔkɔɔ yɛɛ no ne mo anyame. Woapam Awurade asɔfo ne Lewifo no, na woahyɛ wʼankasa asɔfo te sɛ abosomman no pɛ. Nnɛ yi, woma obiara bɛyɛ ɔsɔfo. Obiara a ɔde nantwi ba ne adwennini ason bɛba sɛ wonnyina so nhyɛ no sɔfo no, otumi bɛyɛ ɔsɔfo ma saa mo anyame no.
10 “Na yɛn de, Awurade ne yɛn Nyankopɔn, na yennyaa no da. Aaron asefo nko ara na wɔsom Awurade sɛ asɔfo, na Lewifo nko ara na wotumi boa wɔn wɔ wɔn dwumadi mu. 11 Wɔde ɔhyew afɔrebɔde ne ɔhyew aduhuam brɛ Awurade daa anɔpa ne anwummere. Wɔde Daa Daa Brodo no to ɔpon kronkron no so, na daa anwummere, wɔsɔ sikakɔkɔɔ kaneadua no. Yɛredi Awurade, yɛn Nyankopɔn, nkyerɛkyerɛ so, nanso moagyaw no. 12 Enti ɛsɛ sɛ mote ase sɛ Onyankopɔn ka yɛn ho. Ɔno ne yɛn kannifo. Nʼasɔfo hyɛn wɔn torobɛnto, di yɛn anim, de yɛn kɔ ɔko tia mo. Israelfo, monnko ntia Awurade, mo agyanom Nyankopɔn no, na morenni nkonim.”
13 Nanso na Yeroboam ayɛ nwaa ama nʼakofo a wɔwɔ hɔ no bi afa Yuda mmarima akyi akɔtetɛw wɔn. 14 Bere a Yuda huu sɛ wofi wɔn anim ne wɔn akyi atow ahyɛ wɔn so no, wosu frɛɛ Awurade sɛ ɔmmoa wɔn. Na asɔfo no hyɛn ntorobɛnto, 15 na Yuda mmarima no fii ase teɛteɛɛ mu. Wɔn ko no mu nteɛteɛmu no mu no, Onyankopɔn kaa Yeroboam ne Israel asraafo no gui, wɔ Abia ne Yuda asraafodɔm anim. 16 Israel asraafo no guan fii Yuda, na Onyankopɔn maa Yuda dii nkonim. 17 Abia ne nʼakofo kunkum Israel asraafo no bebree. Da no, wɔn a wɔtotɔɔ wɔ Israel asraafo a wodi mu mu no yɛ mpem ahannum. 18 Na Yuda dii Israel so nkonim, efisɛ wɔde wɔn ho too Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn no so.
19 Abia ne nʼakofo kɔɔ so taa Yeroboam asraafo no, faa wɔn nkurow no bi te sɛ Bet-El, Yesana ne Efron ne ɛho nkurow. 20 Enti bere a Abia te ase no de, Yeroboam a ɔyɛ Israelhene annya tumi biara, na akyiri no, Awurade bɔɔ no ma owui.
21 Yudahene Abia kɔɔ so nyaa tumi. Ɔwaree yerenom dunan. Ɔwoo mmabarima aduonu abien ne mmea dunsia.
22 Abia ahenni ho nsɛm nkae ne ne nsɛm ne dwuma a odii no, wɔakyerɛw agu Odiyifo Ido Nkyeremu Nhoma no mu.