14
Asa Ahenni Mfiase
Abia wu ma wosiee no wɔ Dawid kurom. Ne babarima Asa na odii nʼade sɛ ɔhene. Asomdwoe baa asase no so mfe du. Asa yɛɛ nea ɛsɔ Awurade, ne Nyankopɔn no, ani. Otutuu abosonsomfo afɔremuka ne wɔn abosonnan nyinaa gui. Odwiriw wɔn afadum, twitwaa Asera nnua nyinaa. Ɔhyɛɛ ɔmanfo a wɔwɔ Yuda se, wɔnhwehwɛ Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn no, na wonni ne mmara ne nʼahyɛde nyinaa so. Asa san bubuu abosonnan ne nnuhuam afɔremuka fii Yuda nkurow nyinaa mu. Ɛno nti, wonyaa asomdwoe wɔ Asa ahenni mu. Saa asomdwoe mfe no mu no, otumi siesiee bammɔ nkuropɔn a ɛwɔ Yudaman mu nyinaa. Obiara anyɛ nʼadwene sɛ ɔbɛko atia no saa bere yi, efisɛ na Awurade rema no ahomegye wɔ nʼatamfo nsam.
Asa ka kyerɛɛ Yudafo se, “Momma yɛnkyekye nkurow, na yentwa afasu mfa ho mfa mmɔ ho ban. Yɛbɛyɛ abantenten, asisi apon, ayɛ nnadeban nso. Asase no yɛ yɛn dea, efisɛ yɛsrɛɛ Awurade yɛn Nyankopɔn, na wama yɛn ahomegye wɔ yɛn atamfo nsam.” Enti wɔkɔɔ so yɛɛ saa nnwuma yi de baa awiei.
Na ɔhene Asa wɔ akofo mpem ahaasa a wofi Yuda abusuakuw mu a wɔwɔ nkatabo ne mpeaw akɛse. Afei, na ɔwɔ akofo mpem ahannu aduɔwɔtwe a wofi Benyamin abusua mu a wokurakura nkatabo ne agyan nketewa. Na akofo akokodurufo wɔ saa asraafodɔm abien yi mu.
Bere bi, Etiopiani bi a wɔfrɛ no Serah de asraafodɔm ɔpepem baako ne nteaseɛnam ahaasa, kɔtow hyɛɛ Yuda so. Wɔkɔ koduu Maresa kuropɔn mu. 10 Asa nso boaa nʼakofo ano ne wɔn kɔkoo wɔ Sefata bon mu a ɛbɛn Maresa.
11 Asa teɛɛ mu, frɛɛ Awurade ne Nyankopɔn se, “Awurade, wo nko ara na wubetumi aboa nea ɔyɛ mmerɛw na watumi ako atia ɔhoɔdenfo! Boa yɛn, Awurade, yɛn Nyankopɔn, efisɛ wo nko ara ne yɛn anidaso. Wo din mu na yɛrehyia dɔm kɛse yi. Awurade, woyɛ yɛn Nyankopɔn, na mma kwan mma nnipa teta nsɔre ntia wo!”
12 Na Awurade dii Etiopiafo no so nkonim wɔ Asa ne Yuda asraafodɔm no anim, na atamfo no guanee. 13 Asa ne nʼakofo no taa wɔn ara kosii Gerar, maa Etiopiafo no bebree totɔe a wɔantumi ammoa wɔn ho ano. Awurade ne nʼakofo dwerɛw wɔn, na Yuda asraafo no nyaa asade bebree kɔe. 14 Bere a wɔwɔ Gerar no, wɔtow hyɛɛ nkurow a ɛwɔ beae hɔ nyinaa so, na Awurade ho huboa tɔɔ nnipa a wɔwɔ hɔ no so. Awiei no, wonyaa asade bebree wɔ saa nkurow no so nso. 15 Wɔsan tow hyɛɛ mmoahwɛfo atenae, kyekyeree nguan ne yoma, ansa na wɔresan akɔ Yerusalem.