16
Asa Ahenni Nna A Edi Akyiri
Asa dii ade mfe aduasa asia no, Israelhene Baasa kɔtow hyɛɛ Yuda so, na ɔbɔɔ Rama ho ban, sɛnea ɛbɛyɛ a, obi ntumi nkɔ mu anaa ompue mfi ɔhene Asa Yudaman mu. Asa yii dwetɛ ne sikakɔkɔɔ fii Awurade Asɔredan adekoradan ne ahemfi hɔ. Ɔde kɔmaa Aramhene Ben-Hadad a na odi hene wɔ Damasko na ɔde saa nkra yi kaa ho: “Ma yɛnyɛ apam a na ɛda wʼagya ne mʼagya ntam no foforo. Tie, mede akyɛde a ɛyɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ resoma de abrɛ wo. Twa wo ne Israelhene Baasa apam no mu, sɛnea ɔmmfa ne nsa nka me.”
Ben-Hadad penee ɔhene Asa abisade no so, na ɔsomaa nʼasraafo, kɔtow hyɛɛ Israel so. Wodii Iyon, Dan, Abel-Maim ne Naftali aduan akorae nkuropɔn nyinaa so. Bere a Israelhene Baasa tee asɛm a asi no, ogyaee Rama bammɔ ho dwumadi no. Enti ɔhene Asa frɛɛ ne mmarima a wɔwɔ Yuda nyinaa ma wɔbɛsoaa adansi abo ne nnua a na Baasa de rebɔ Rama ho ban no. Asa de saa nneɛma yi bɔɔ nkurow Geba ne Mispa ho ban.
Saa bere no mu no, ɔdehufo Hanani baa ɔhene Asa nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Esiane sɛ wode wo ho ato Aramhene so, na woagyaw Awurade wo Nyankopɔn nti, worentumi nni Aramhene asraafo no so. Wonkae nea ɛbaa Etiopiafo no ne Libiafo ne wɔn asraafodɔm dodow ne wɔn nteaseɛnam ne wɔn apɔnkɔsotefo so no? Saa bere no, na wode wo ho to Awurade so, na ɔde wɔn nyinaa hyɛɛ wo nsa. Awurade aniwa kyin fa asase so baabiara, sɛnea ɔbɛhyɛ wɔn a wɔde wɔn koma nyinaa to no so no den. Nkwaseasɛm bɛn na woadi yi! Efi nnɛ, wobɛkɔ ɔko.”
10 Asa bo fuw Hanani yiye sɛ wabɛka saa asɛm yi akyerɛ no, na ɔkyeree no too afiase. Saa bere no ara na Asa afi ase rehyɛ ne nkurɔfo no bi so.
Asa Ahenni Tiaatwa
11 Asa ahenni ho nsɛm nkae, fi mfiase kosi awiei no, wɔakyerɛw agu Yuda ne Israel ahemfo nhoma no mu. 12 Nʼadedi mfe aduasa akron so no, ɔyare huhuuhu bi yɛɛ Asa nan. Ɔyare no duu ne mpɔmpɔnso a ɛreyɛ akum no mpo no, wanhwehwɛ Awurade mmoa akyi kwan, na mmom, ɔhwehwɛɛ ayaresafo mmoa. 13 Enti nʼadedi mfe aduanan baako so no, owui. 14 Wosiee no ɔboda a ɔno ara twa maa nʼankasa ho no mu wɔ Dawid kurom. Wɔdedaa no mpa a wɔde nnuhuam ne sradehuam ho hua ahyɛ no ma, na nʼayiyɛ no mu no, nnipa no bɔɔ ogyatannaa kɛse bi de hyɛɛ no anuonyam.