17
Yehosafat Di Yuda So Hene
Na Asa babarima Yehosafat bedii nʼade sɛ ɔhene. Ɔhyɛɛ Yuda den, sɛnea obetumi agyina Israel ɔfow biara ano. Oduaduaa asraafodɔm wɔ Yuda nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no nyinaa mu. Ɔde asraafodɔm kumaa bi kɔɔ Yuda asase so ne Efraim nkurow a nʼagya Asa ako agye no so.
Na Awurade ka Yehosafat ho, efisɛ ɔyɛɛ sɛnea nʼagya Asa yɛe wɔ ne mfe a edi kan no mu, na wansom Baal ahoni no. Ɔhwehwɛɛ nʼagya Nyankopɔn, na odii nʼahyɛde so a wanni Israel ahenni mu nneyɛe no akyi. Enti Awurade maa Yehosafat Yudaman so ahenni no timii. Nnipa a wɔwɔ Yuda nyinaa brɛɛ Yehosafat akyɛde, ma ɔyɛɛ ɔdefo, na wɔde nidi maa no. Ofi ne koma nyinaa mu nantew Awurade akwan so. Obubuu abosonsomfo nsɔree so, na ɔsɛee Asera nnua no.
Yehosafat ahenni mfe abiɛsa so no, ɔsomaa ne mpanyimfo ma wɔkɔkyerɛkyerɛɛ wɔ Yuda nkurow nyinaa so. Ne mpanyimfo no ne Ben-Hail, Obadia, Sakaria, Netanel ne Mikaia. Ɔsomaa Lewifo a wɔn din didi so yi kaa wɔn ho: Semaia, Netania, Sebadia, Asahel, Semiramot, Yehonatan, Adoniya, Tobia ne Tob-Adoniya. Ɔsomaa asɔfo Elisama ne Yehoram nso. Wɔfaa Awurade mmara a wɔatintim nhoma no de kyinii Yuda nkurow nyinaa so, kyerɛkyerɛɛ nnipa no.
10 Na afei, ɛmaa Awurade ho suro tɔɔ ahenni a atwa ahyia no nyinaa so, nti obiara amfa ɔko ankɔ Yehosafat so. 11 Filistifo no bi brɛɛ no akyɛde ne dwetɛ sɛ sonkahiri, na Arabfo brɛɛ no adwennini mpem ason ne ahanson ne mpapo mpem ason ne ahanson.
12 Ɛmaa Yehosafat tumi mu yɛɛ den, na ɛkɔɔ so yɛɛ den ara ma osisii aban ne nnuan adekoradan wɔ Yuda nkuropɔn nyinaa so. 13 Ɔkoraa nneɛma bebree wɔ Yuda nkurow mu, na ɔmaa asraafo a wɔyɛ den tenaa Yerusalem. 14 Wogyinaa agyanom mmusuakuw so gyee asraafo.
 
Yuda abusua mu, na asraafodɔm no dodow yɛ mpem ahaasa (300,000)
a wɔakyekyɛ wɔn mu akuwakuw apem (1,000). Adna na na ɔyɛ wɔn so sahene.
15 Onipa a na odi ne so ne Yehohanan a na odi asraafodɔm mpem ahannu aduɔwɔtwe (280,000) so.
16 Nea odi hɔ ne Sikri babarima Amasia, a ɔde ne ho bɔɔ afɔre maa Awurade adwuma a na odi asraafodɔm mpem ahannu (200,000) so sahene.
17 Benyamin abusua asraafodɔm no,
na wɔn dodow yɛ mpem ahannu (200,000) a wɔwɔ agyan ne nkatabo. Na wɔn sahene ne Eliada, ɔsraani a wadi ako akyɛ.
18 Nea odi hɔ ne Yehosabad a otua asraafo mpem ɔha aduɔwɔtwe (180,000) a wɔada wɔn ho so ama akodi no ano.
 
19 Eyinom ne asraafodɔm a wɔtenaa Yerusalem som ɔhene, ne wɔn a Yehosafat de wɔn duaduaa nkurow a wɔabɔ ho ban wɔ Yudaman mu no.