2
Asɔredan No Si Ahoboa
Salomo hyɛɛ sɛ wonsi Awurade Asɔredan ne nʼankasa nʼahemfi. Ɔfaa apaafo mpem aduɔson ne abotwafo mpem aduɔwɔtwe fii bepɔw so aman mu ne nnipa mpem abiɛsa ne ahansia a wodi adwuma no anim.
Salomo de nkra yi kɔmaa Tirohene Huram:
“Brɛ me sida nnua te sɛ nea wɔde brɛɛ mʼagya Dawid, bere a na ɔresi nʼahemfi no. Merebesi Asɔredan ahyɛ Awurade, me Nyankopɔn din anuonyam. Ɛbɛyɛ baabi bi a wɔayi asi hɔ sɛ wɔnhyew nnuhuam ne kurobow wɔ nʼanim, nna afɔrebɔde brodo sononko no adi, na wɔmmɔ ɔhyew afɔre ahorow homeda biara, anɔpa ne anwummere, Ɔsram Foforo biara afahyɛ ahorow ne Awurade yɛn Nyankopɔn nnapɔnna biara. Ɔno na wahyɛ Israel sɛ wɔnyɛ saa nneɛma yi daa daa.
“Eyi bɛyɛ Asɔredan a ɛso na ɛyɛ fɛ, efisɛ yɛn Nyankopɔn no yɛ ɔnwonwani a ɔso kyɛn ɔfoforo biara. Hena na obetumi asi ofi a ɛfata ama no? Ɔsorosoro mpo ntumi nkora no. Na me sɛɛ ne hena a mesi asɔredan ama no? Nea metumi ayɛ ara ne sɛ mesi baabi a wɔbɛbɔ afɔre ama no.
“Enti ma me odwumfo a ne nsa ano adwuma yɛ fɛ a obetumi de sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafrae ne nnade adi adwinni; obi a onim sɛnea wɔhyɛ ntama aduru ma ɛyɛ bibiri, kɔkɔɔ ne tuntum ma ɛyɛ fɛ yiye ne sika dwumfo a wakwadaw adwuma mu, a ɔne Yuda ne Yerusalem adwumfo a mʼagya Dawid yii wɔn no bɛyɛ adwuma.
“Afei, fa sida, ɔpepaw ne ɔbako nnua fi Lebanon brɛ me, efisɛ, minim sɛ wo mmarima no akyi no, obi nni hɔ wɔ nnuabu mu; na mɛsoma me mmarima na wɔabɛboa wɔn. Asɔredan a merebesi no kɛse ne ne fɛ a ɛbɛyɛ nti, nnua bebree ho behia me. 10 Mede atoko susukoraa mpem aduonu, nsa gyare mpem aduonu ne du ne ngo mpem aduonu betua wo mmarima no ka.”
11 Ɛnna ɔhene Huram kyerɛw saa mmuae yi de kɔmaa Salomo:
“Esiane sɛ Awurade dɔ ne nkurɔfo nti na ɔde wo asi wɔn so hene.
12 “Nhyira nka Awurade, Israel Nyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro ne asase! Wama Dawid ɔba nyansafo a wadom no adwene ne ntease a obesi Asɔredan ama Awurade ne ahemfi ama nʼankasa ho.
13 “Merebrɛ wo odwumfo a ne nsa ano adwuma yɛ fɛ a wɔfrɛ no Huram-Abi. Ɔyɛ onyansafo ankasa 14 a ɔyɛ ɔbea bi a ofi Dan a ɛwɔ Israel babarima; nʼagya nso fi Tiro. Ɔyɛ sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafrae ne nnade dwumfo ankasa. Na ɔwɔ abotwa, nnua adwinni ne ntamanwen ho nyansa nso. Ɔyɛ ɔbenfo wɔ ntama bibiri, tuntum ne kɔkɔɔ hyɛ mu. Na otumi de sirikyitam di dwuma nso. Afei nso, ɔyɛ sika dwumfo a otumi di adwinni biara a wɔde ma no. Ɔne wʼadwumfo ne wɔn a me wura Dawid a ɔyɛ wʼagya no yii wɔn no bɛyɛ adwuma.
15 “Fa atoko, ngo ne nsa a wokaa ho asɛm no bra. 16 Nnua biara a ɛho hia no, yebetwa afi Lebanon mmepɔw so, na yɛde ayɛ mpata agu asu ani, fi Ntam Po no mpoano akosi Yopa. Na efi hɔ no, wubetumi de akɔ Yerusalem.”
17 Salomo kan ahɔho dodow a wɔwɔ Israel asase so, te sɛ nea nʼagya kenkan nnipa no. Onyaa nnipa mpem ɔha aduonum abiɛsa ne ahansia (153,600). 18 Ɔmaa wɔn mu mpem aduɔson (70,000) yɛɛ apaafo. Wɔn mu mpem aduɔwɔtwe (80,000) yɛɛ abotwafo wɔ wɔn mmepɔw nkurow no so, na wɔn mu mpem abiɛsa ne ahansia (3,600) yɛɛ wɔn a wodi nnwuma no anim.