3
Salomo Si Asɔredan No
Na Salomo fii ase sii Awurade Asɔredan no wɔ Yerusalem Moria bepɔw so a ɛhɔ na Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ Salomo agya Ɔhene Dawid no. Wosii Asɔredan no wɔ Yebusini Arauna awiporowbea hɔ, baabi a Dawid yi too hɔ no. Salomo dii ade no, ne mfe anan so, Adar ɔsram (bɛyɛ Oforisuo) mu, na wofii ɔdan no si ase.
Na Onyankopɔn Asɔredan no fapem ntwemu yɛ anammɔn aduɔkron, na ne trɛw mu yɛ anammɔn aduasa. Ntwironoo a ɛwɔ Asɔredan no anim trɛw yɛ anammɔn aduasa, a ɛne Asɔredan no trɛw yɛ pɛ.
Afasu a ɛwɔ ntwironoo no mu no nyinaa, wɔde sikakɔkɔɔ adura mu. Ntwironoo no sorokɔ yɛ anammɔn aduasa.
Ɔpepaw nnua na wɔde sam Asɔredan no mu, na wɔde sikakɔkɔɔ ankasa guu so, dii mmedua ne nkɔnsɔnkɔnsɔn adwinni wɔ so. Abohemaa a ɛyɛ fɛ ne sikakɔkɔɔ a efi Parwaim na wɔde siesiee Asɔredan no afasu ho. Wɔde sikakɔkɔɔ guu Asɔredan no afasu, afadum, apon ne abobow ano nyinaa ho, na wodii kerubim sɛso adwinni wɔ afasu no ho.
Na Kronkron mu Kronkron hɔ trɛw yɛ anammɔn aduasa te sɛ asɔredan no ara, ne ntwemu nso yɛ anammɔn aduasa. Sikakɔkɔɔ ankasa bɛyɛ nkaribo tɔn aduonu abiɛsa na wɔde guu so. Sikakɔkɔɔ nnadewa a biara kari bɛyɛ gram ahannum ne aduoson anum (575) na wɔde dii ɔdan no ho dwuma. Sikakɔkɔɔ ankasa na wɔde guu soro adan no afasu ani.
10 Salomo yɛɛ kerubim sɛso abien, de sikakɔkɔɔ ankasa guu ho. Wɔde eyinom sisii Kronkron mu Kronkron hɔ. 11 Kerubim abien no a wosisi hɔ no ntaban ka bɔ mu a, ne trɛw yɛ anammɔn aduasa. Kerubim baako ntaban baako a ɛpem ɔfasu no tenten yɛ anammɔn ason ne fa. Ntaban baako no nso a ɛyɛ anammɔn ason ne fa no, ɛne kerubim baako no ntaban hyia. 12 Saa ara nso na kerubim a ɔto so abien no ntaban baako mu trɛw yɛ anammɔn ason ne fa, na ɛpem Asɔredan no fasu a ɛne ɔfasu baako no di nhwɛanim. Ntaban baako a aka no nso trɛw a ɛyɛ anammɔn ason ne fa no, ehyia kerubim a edi kan no ntaban baako. 13 Enti na kerubim abien no ntaban mu trɛw yɛ anammɔn aduasa. Na wɔn nyinaa sisi hɔ a wɔn anim kyerɛ Asɔredan no mu.
14 Salomo de ntwamtam* a ɔde bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne nwera ayɛ, a wɔanwen kerubim nsɛsode agu mu, sɛn Kronkron mu Kronkron no kwan ano.
15 Asɔredan no anim, Salomo yɛɛ afadum abien a emu biara sorokɔ yɛ anammɔn aduonu ason. Na ntaaso kata emu biara atifi a ɛno nso sorokɔ yɛ anammɔn ason ne fa. 16 Ɔyɛɛ ntweaban nkɔnsɔnkɔnsɔn, de siesiee afadum no atifi. Ɔsan yɛɛ atoaa aba nsɛso fɛfɛ de susoo ntweaban no mu. 17 Afei, ɔde afadum abien no sisii Asɔredan no ano kwan ano. Ɔde baako sii ɔkwan no anafo fam no ano, na ɔde baako nso sii atifi fam. Ɔtoo nea ɛwɔ anafo fam no din Yakin, na nea ɛwɔ atifi fam no, ɔtoo no din Boas.
* 3:14 Ntwamtam no kyɛ asɔredan no mu abien. Nnua apon no nso wotumi to mu.