4
Nneɛma A Wɔde Siesie Asɔredan No Mu
Salomo san yɛɛ kɔbere mfrafrae afɔremuka a ne tenten yɛ anammɔn aduasa, ne trɛw yɛ anammɔn aduasa saa ara, na ne sorokɔ yɛ anammɔn dunum. Afei, ɔyɛɛ nsukorade kɛse kurukuruwa bi a efi ano kɔka ano yɛ anammɔn dunum. Wɔtoo no din Po. Na emu dɔ yɛ anammɔn ason ne fa, na ne dantaban yɛ anammɔn aduanan anum. Na Po no wɔ nsɛsode a ɛte sɛ anantwi a atwa afa ano no ase ahyia. Anammɔn baako biara mu no, na anantwi sɛso asia wɔ so a wɔagu ama afra nsukorade no.
Na Po no si nsiase a ɛyɛ kɔbere mfrafrae anantwi dumien sɛso so. Na wɔn nyinaa ani kyerɛkyerɛ abɔnten. Abiɛsa ani kyerɛ atifi fam. Abiɛsa ani kyerɛ atɔe fam. Abiɛsa kyerɛ anafo fam, na abiɛsa nso ani kyerɛ apuei fam. Po no afasu mu piw yɛ bɛyɛ nsateaa abiɛsa, na nʼano no trɛw te sɛ kuruwa a ɛsɛ sukooko nhwiren a apae. Na Po no tumi kora nsu gyare mpem dunsia ne ahannum.
Ɔyɛɛ guasɛn du a wɔkora nsu a wɔde hohoro afɔrebɔde ho. Na emu anum wɔ Po no anafo fam na anum wɔ atifi fam. Asɔfo no de, na Po no ankasa mu nsu na na wɔde hohoro wɔn ho, na wɔmmfa guasɛn no mu nsu no bi.
Salomo de sikakɔkɔɔ yɛɛ akaneadua du, sɛnea wɔkyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no no, de sisii Asɔredan no mu. Wɔde mu anum sisi bɛn anafo fam ɔfasu, na wɔde mu anum a aka no nso sisi bɛn atifi fam ɔfasu no.
Afei, ɔyɛɛ apon du de sisii Asɔredan no mu. Wɔde mu anum sisii anafo fam ɔfasu no anim, na wɔde mu anum a aka no nso sisii atifi fam ɔfasu no anim. Afei, ɔyɛɛ sikakɔkɔɔ guasɛn ɔha.
Salomo sii adiwo maa asɔfo no, san sii adiwo kɛse bi wɔ Asɔredan no mfikyiri. Ɔyɛɛ apon totoo adiwo akwan no ano, na ɔde kɔbere mfrafrae duraa ho. 10 Wɔde Po no sii anafo fam ne apuei fam afasu ahyiae no twɔtwɔw so hɔ.
11 Huram-Abi yɛɛ nkuku, nsofi ne guasɛn a ɛho hia nyinaa. Nea ɔhene Salomo kyerɛɛ Huram-Abi sɛ ɔnyɛ wɔ Onyankopɔn Asɔredan no ho no nyinaa no, ɔyɛe.
 
12 Afadum abien,
afadumti a wɔayɛ no sɛ asuhina abien a esisi afadum no atifi,
ntweaban a wɔayɛ no sɛ atena abien a wɔde asiesie afadumti no,
13 ne atoaa nsɛso ahannan a ɛsensɛn nkɔnsɔnkɔnsɔn a egu ntaaso no so (atoaa a wɔahyehyɛ no ntenten so abien a biara sa nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛsensɛn ntaaso a egu afadum no atifi no so no).
14 Ɔyɛɛ nsu nteaseɛnam a guasɛn no sisi so,
15 Po no ne anantwi sɛso dumien a wɔhyɛ ase,
16 nkuku, nsofi, nam nnarewa ne nneɛma a ɛkeka ho nyinaa.
 
Huram-Abi de kɔbere mfrafrae a wɔabere ho na ɛyɛɛ saa nneɛma yi nyinaa maa Awurade Asɔredan no, sɛnea Ɔhene Salomo hyɛɛ no no. 17 Ɔhene no ma woguu no wɔ kankua a na ɛwɔ Yordan tataw a na ɛwɔ Sukot ne Sereda ntam no so. 18 Kɔbere mfrafrae a wɔde dii dwuma no dodow nti, wɔantumi anhu emu duru ano.
19 Na Salomo yɛɛ nneɛma a wɔde siesie Onyankopɔn Asɔredan no mu nyinaa:
 
sikakɔkɔɔ afɔremuka;
apon a wɔde Daa Daa Brodo gu so;
20 kanea nnua ne nʼakanea a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ a ɛbɛhyerɛn wɔ Kronkron mu Kronkron no anim sɛnea wɔakyerɛ no;
21 nhwiren a wɔde siesie, akanea ne adabaw a wɔde sikakɔkɔɔ ankasa na ɛyɛɛ ne nyinaa;
22 akanea adabaw, guasɛn, nyowa ne nkankyee a wɔnoa mu, ne nyinaa yɛ sikakɔkɔɔ ankasa;
apon a wosisii wɔ ɔkwan a ɛkɔ Kronkron mu Kronkron ne nea ɛkɔ Asɔredan no dan kɛse mu no, wɔde sikakɔkɔɔ na eduraduraa ho nyinaa.