5
Wɔde Apam Adaka No Kɔ Asɔredan No Mu
Bere a Salomo wiee Awurade Asɔredan no si ho dwumadi no, ɔde akyɛde a nʼagya, Ɔhene Dawid, de maa Awurade, a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne nneɛma a aka no bae. Wɔkoraa eyinom nyinaa wɔ Onyankopɔn Asɔredan no sikakorabea hɔ.
Afei, Salomo frɛɛ mmusuakuw ne mmusua ntuanofo a wɔwɔ Israel nyinaa sɛ wommehyia wɔ Yerusalem. Na ɛsɛ sɛ woyi Awurade Apam Adaka no fi baabi a esi wɔ Dawid kurow a na wɔsan frɛ hɔ Sion no, de kɔ beae foforo wɔ Asɔredan no mu hɔ. Ɔsram Bul (bɛyɛ Ahinime) a wɔredi afirihyia Asese Afahyɛ no, wɔn nyinaa behyiaa wɔ ɔhene anim.
Bere a Israel mpanyimfo beduu hɔ no, Lewifo no pagyaw Adaka no ne ntamadan sononko ne ɛho nneɛma kronkron no nyinaa. Lewifo asɔfo no soa kɔɔ Asɔredan no mu. Ɔhene Salomo ne Israelfo no nyinaa twaa nguan ne anantwi a wɔn dodow nti, obi ntumi nkan wɔn, de bɔɔ afɔre wɔ adaka no anim.
Afei, asɔfo no maa Awurade Apam Adaka no so, de kɔɔ Asɔredan no kronkronbea a ɛhɔ yɛ Kronkron mu Kronkron hɔ. Wɔde sii kerubim no ntaban ase. Na kerubim no ntaban trɛw wɔ Adaka a ne nnua hyehyɛ ho no so, te sɛ kyinii. Na nnua no woware yiye; enti sɛ obi gyina Asɔredan no ano kwan ano a ohu. Ne nyinaa da so wɔ hɔ besi nnɛ. 10 Na biribiara nni adaka no mu sɛ abo apon abien a Mose de guu mu wɔ Horeb, bere a Awurade ne Israelfo a na wɔatu afi Misraim no yɛɛ apam no.
11 Afei, asɔfo no fii kronkronbea hɔ. Saa bere yi, na asɔfo a wɔwɔ hɔ no nyinaa, sɛ wɔwɔ dwuma bi di anaa wonni hwee yɛ, adwira wɔn ho. 12 Lewifo nnwontofo, Asaf, Heman, Yedutun, wɔn mmabarima ne wɔn nuanom nyinaa hyehyɛɛ nwera batakari gyinagyinaa afɔremuka no apuei fam, na wɔbɔɔ kyɛnkyɛn, mmɛnta ne asankuten. Asɔfo ɔha aduonu a wɔrehyɛn torobɛnto bɛkaa wɔn ho. 13 Ntorobɛntohyɛnfo ne nnwontofo no nyinaa bɔɔ mu too dwom de kamfoo Awurade, daa no ase. Wɔde ntorobɛnto, kyɛnkyɛn ne nnwontode ahorow bɛkaa wɔn ho, maa wɔn nne so kamfoo Awurade sɛ:
“Oye!
Na nʼadɔe wɔ hɔ daa!”
Saa bere no mu ara, omununkum bɛhyɛɛ Awurade asɔredan no ma. 14 Asɔfo no antumi antoa wɔn adwuma no so, efisɛ Awurade anuonyam bɛhyɛɛ Onyankopɔn Asɔredan no ma.