23
Wɔsɔre Tia Atalia
Atalia dii ade mfe ason no, ɔsɔfo Yehoiada kyerɛɛ no tumi. Osii ne bo ne asraafodɔm ɔha so asahene baanum, a wɔne Yeroham babarima Asaria, Yehohanan babarima Ismael, Obed babarima Asaria, Adaia babarima Maaseia ne Sikri babarima Elisafat yɛɛ apam. Saa mmarima yi faa sum ase, kyinii Yuda nyinaa, frɛfrɛɛ Lewifo ne mmusua ntuanofo a wɔwɔ Yuda nkurow so sɛ, wɔmmra Yerusalem. Wɔn nyinaa hyiaa wɔ Onyankopɔn Asɔredan mu ne ɔhenberante Yoas yɛɛ apam.
Yehoiada ka kyerɛɛ wɔn se, “Bere adu sɛ ɔhene babarima di ade. Awurade ahyɛ bɔ sɛ, Dawid aseni na ɔbɛyɛ yɛn hene. Nea ɛsɛ sɛ moyɛ ni. Sɛ asɔfo ne Lewifo ba adwuma Homeda a, wɔn mu nkyɛmu abiɛsa mu baako na wɔbɛyɛ apon ano ahwɛfo. Nkyemu abiɛsa mu baako nso bɛkɔ ahemfi, na nkyɛmu abiɛsa mu baako a wɔaka no akɔ Fapem Pon no ano. Afei, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔaka no nyinaa tenatena Awurade Asɔredan adiwo ahorow hɔ. Monkae sɛ, asɔfo ne Lewifo a wɔwɔ wɔn nnwuma so nko ara na ɛsɛ sɛ wɔhyɛn Awurade Asɔredan no mu, efisɛ wɔn na wɔayi wɔn asi hɔ sɛ wɔyɛ kronkron. Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔaka no di Awurade mmara so, na wɔtenatena afikyiri. Mo Lewifo na mobɛyɛ ɔhene ho awɛmfo kuw, a mukurakura mo akode. Onipa biara a wɔmmaa no kwan a ɔbɛbɛn mo no, munkum no. Bere biara, mommɛn ɔhene no.”
Enti Lewifo no ne nnipa no yɛɛ biribiara a ɔsɔfo Yehoiada hyɛɛ sɛ wɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ. Asahene no hwɛɛ wɔn a wɔkɔ adwuma saa Homeda no ne wɔn a ɛsɛ sɛ wogye wɔn ahome da no so. Ɔsɔfo Yehoiada amma obiara ankɔ fie. Na Yehoiada de mpeaw ne nkatabo a na ɛyɛ Ɔhene Dawid de, na wɔkoraa wɔ Onyankopɔn Asɔredan mu no maa asahene no. 10 Ɔde awɛmfo no twaa ɔhene no ho hyiae a wɔayɛ wɔn akode krado. Wogyinagyinaa saa wɔ Asɔredan no anafo fam, twaa hɔ kɔɔ atifi fam, twaa afɔremuka no ho nyinaa hyiae.
11 Afei, Yehoiada ne ne mmabarima yii ɔhene babarima Yoas bae, na wɔde ahenkyɛw no hyɛɛ no. Wɔmaa Yoas Onyankopɔn mmara nhoma no bi daa no adi sɛ ɔhene. Wɔsraa no ngo, maa obiara teɛɛ mu se, “Ɔhene nkwa so!”
Atalia Wu
12 Bere a Atalia tee gyegyeegye a ɔmanfo reyɛ, na wɔretutu mmirika, na wɔrekamfo ɔhene no, ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ Awurade asɔredan mu hɔ, kɔhwɛɛ asɛm ko a asi. 13 Na ohuu sɛ ɔhene foforo no gyina nʼafa baabi wɔ afadum no ho wɔ Asɔredan no kwan ano a ɛkyerɛ ne tumi. Na mpanyimfo ne torobɛntohyɛnfo atwa ne ho ahyia, ama nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa regye wɔn ani, rehyɛn ntorobɛnto. Nnwontofo a wɔnam nnwontode so bɔɔ nnwom de dii ɔmanfo no anim ahokeka so. Bere a Atalia huu eyi no, ɔde ahometew sunsuan ne ntade mu teɛteɛɛ mu se, “Amammɔsɛm! Amammɔsɛm!”
14 Na ɔsɔfo Yehoiada hyɛɛ asafohene a wɔhwɛ asraafo no so no se, “Montwe no mfi Asɔredan mu ha, na obiara a ɔbɛyɛ sɛ ɔregye no no, munkum no. Nanso munnkum no wɔ Awurade Asɔredan mu ha.” 15 Enti wɔtwee no de no kɔɔ ɔkwan a apɔnkɔ fa so ba ahemfi hɔ no so, kum no wɔ hɔ.
Yehoida Ɔsom Nhyehyɛe Foforo
16 Na Yehoiada ne ɔhene no ne ɔmanfo no yɛɛ apam sɛ, wɔbɛyɛ Awurade nkurɔfo. 17 Na nnipa no nyinaa kɔɔ Baal asɔredan no mu, kobubu gui. Wɔsɛee afɔremuka no, dwerɛw ohoni no, kum Baal sɔfo Matan wɔ afɔremuka no anim.
18 Yehoiada nam ahyɛde a Dawid ka too hɔ so, de Lewifo asɔfo sisii Awurade Asɔredan no dwumadi ahorow no ano. Ɔhyɛɛ nso sɛ, wɔmmɔ ɔhyew afɔre mma Awurade, sɛnea Mose mmara kyerɛ no, na wɔnto nnwom nsɛpɛw wɔn ho, sɛnea Dawid ahyɛ no. 19 Ɔde apon ano ahwɛfo no sisii Awurade Asɔredan apon ano, sɛnea wɔremma wɔn a wɔn ho ntew no nkɔ mu.
20 Afei, asahene, atitiriw, ntuanofo ne ɔmanfo nyinaa dii ɔhene no akyi, de no pue fii Awurade Asɔredan mu hɔ. Wɔfaa atifi fam pon no ano, wuraa ahemfi hɔ, de ɔhene no kɔtenaa adehye ahengua no so. 21 Enti nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa dii ahurusi, na asomdwoe baa ɔman no mu, efisɛ na wɔde afoa akum Atalia.