24
Yoas Siesie Asɔredan No
Yoas dii hene no, na wadi mfe ason, na odii ade wɔ Yerusalem mfirihyia aduanan. Na ne na din de Sibia a ofi Beer-Seba. Yoas yɛɛ nea ɛsɔ Awurade ani, ɔsɔfo Yehoiada nkwanna nyinaa. Yehoiada maa Yoas ɔyerenom baanu a ɔne wɔn wowoo mmabarima ne mmabea.
Akyiri no, Yoas yɛɛ nʼadwene sɛ obesiesie Awurade Asɔredan no. Enti ɔfrɛfrɛɛ asɔfo ne Lewifo no ka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔ Yuda nkurow nyinaa so ntɛm, na munkogyigye afirihyiatow, sɛnea yebetumi asiesie mo Nyankopɔn Asɔredan no. Monntwentwɛn koraa.” Nanso Lewifo no ankɔ prɛko pɛ.
Na ɔhene no frɛɛ ɔsɔfopanyin Yehoiada bisaa no se, “Adɛn nti na wummisaa Lewifo no nea enti a wɔnkɔɔ Yuda nkurow so ne Yerusalem nkogyigyee Asɔredan ho tow no? Mose, Awurade somfo, gyigyee ɔman Israel saa tow yi, sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi asiesie Apam Ntamadan no.”
Afei na otirimɔdenfo Atalia mma abɔ awura Onyankopɔn Asɔredan no mu, na nneɛma a wɔahyira so wɔ Awurade Asɔredan no mu no nyinaa, wɔafa de resom Baal ahoni.
Enti Yoas hyɛɛ sɛ wɔnyɛ adaka bi mfa nsi ɔkwan a ɛkɔ Awurade Asɔredan no akyi. Enti wɔde too Yuda ne Yerusalemman anim sɛ, wɔmfa tow a Mose, Onyankopɔn somfo gyigyee Israelfo wɔ sare so no mmrɛ Awurade. 10 Ntuanofo no ne ɔmanfo no penee so, enti wɔde anigye de wɔn sika bɛhyɛɛ adaka no ma. 11 Bere biara a adaka no bɛyɛ ma no, Lewifo no soa de kɔma ɔhene mpanyimfo. Na asennii kyerɛwfo ne ɔsɔfopanyin nanmusini bi akan sika no, na wɔasan de adaka no akosi Asɔredan no pon ano bio. Wɔyɛɛ saa daa, na wonyaa sika bebree. 12 Ɔhene no ne Yehoiada de sika no maa adansi sohwɛfo, ma wɔfaa adansifo ne nnua dwumfo, ma wosiesiee Awurade Asɔredan no. Afei, wɔfaa nnade adwumfo ma wɔde nnade ne kɔbere mfrafrae yɛɛ Awurade Asɔredan no ho nneɛma.
13 Na mmarima a wɔhwɛ ɔdan no siesie so no yɛɛ adwumaden maa adwuma no kɔɔ so sɛnea ɛfata. Wosii Onyankopɔn Asɔredan no wɔ ne tebea dedaw no sɛso na wɔhyɛɛ mu den. 14 Wowiee asiesie no, wɔde sika no nkae brɛɛ ɔhene no ne Yehoiada. Wɔde yɛɛ nneɛma ahorow a wɔde bi som, de bi bɔ ɔhyew afɔre a nkwankora ne hweaseammɔ ahorow a wɔde sikakɔkɔɔ ne dwetɛ ayɛ nso ka ho. Na wɔde koguu Awurade asɔredan no mu. Bere a na ɔsɔfo Yehoiada te ase no, na wɔtaa bɔ ɔhyew afɔre wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ.
15 Yehoiada nyinii yiye, owui no na wadi mfirihyia ɔha ne aduasa. 16 Wosiee no wɔ ahemfo asiei wɔ Dawid kurom, efisɛ na wayɛ adwuma pa wɔ Israel, ama Onyankopɔn ne nʼAsɔredan no.
Yehoiada Ɔsom Nhyehyɛe No Sesa
17 Yehoiada wu akyi no, Yuda ntuanofo bɛkotow ɔhene Yoas anim, srɛɛ no se ontie wɔn afotu. 18 Wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wobegyaw Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn Asɔredan no, na wɔasom Asera nnua no ne ahoni no mmom. Na Onyankopɔn abufuw baa Yuda ne Yerusalem so wɔ wɔn bɔne nti. 19  Awurade somaa adiyifo sɛ wɔnkɔfa wɔn mmrɛ no, nanso nnipa no ampene.
20 Afei, Onyankopɔn Honhom baa ɔsɔfo Yehoiada babarima Sakaria so. Ogyinaa nnipa no anim kae se, “Sɛnea Onyankopɔn se ni: Adɛn nti na munni Awurade ahyɛde so? Morennya nkɔso, efisɛ moagyaw Awurade ama ɔno nso agyaw mo!”
21 Na ntuanofo no pam Sakaria ti so sɛ wobekum no. Na ɔhene Yoas ankasa hyɛ ma wosiw no abo, kum no wɔ Asɔredan no adiwo hɔ. 22 Na ɔhene Yoas ankae adɔe a nʼagya Yehoiada de yɛɛ no no, na okum ne babarima. Sakaria rewu no, nsɛm a ɔka twaa to ne se, “Awurade nhu nea wɔreyɛ na ɔmma wommu ho akontaa!”
Yoas Adedi Awiei
23 Afe no mfiase no, Aram asraafo bɔɔ nsra baa Yoas so. Wɔkaa Yuda ne Yerusalem hyɛe, kunkum ntuanofo a wɔwɔ ɔman no mu nyinaa. Na wɔfaa asade a wonyae nyinaa, de kɔmaa wɔn hene wɔ Damasko. 24 Ɛwɔ mu sɛ Aram dɔm a wɔkɔtow hyɛɛ wɔn so no sua de, nanso Awurade boaa wɔn ma wodii Yuda asraafodɔm kɛse no so nkonim. Yudafo gyaw Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn, ɛno nti Awurade buu atɛn tiaa Yoas. 25 Aramfo twee wɔn ho na wogyaw Yoas a na wapira yiye no hɔ. Nanso ɔno ankasa mpanyimfo dwenee ho sɛ, esiane sɛ okum ɔsɔfo Yehoiada babarima nti, wobekum no. Wokum no bere a ɔda mpa so. Na wosiee no Dawid kurom a wɔankosie no wɔ adehye amusiei.
26 Na awudifo no yɛ Yosabad a ɔyɛ Amonnibea Simeat babarima, ne Somer a ɔyɛ Moabnibea Simrit babarima. 27 Wɔakyerɛw nsɛm a ɛfa Yoas mmabarima, ne ho nkɔmhyɛ, ne Onyankopɔn Asɔredan no asiesie wɔ Ahene nkyerɛmu nhoma no mu. Yoas wui no, ne babarima Amasia dii nʼade sɛ ɔhene.