7
Salomo Bue Asɔredan No Ano
Salomo wiee ne mpaebɔ no, ogya fi ɔsoro bɛhyew ɔhyew afɔre ne afɔrebɔde no, na Awurade anuonyam bɛhyɛɛ Asɔredan no ma. Asɔfo no mpo antumi anhyɛn Awurade Asɔredan no mu, efisɛ na Awurade anuonyam ahyɛ hɔ ma. Bere a Israelfo nyinaa huu sɛ ogya no reba fam, na Awurade anuonyam rehyɛ Asɔredan no ma no, wɔn nyinaa hwehwee fam de wɔn anim butubutuw hɔ, sɔree Awurade kamfoo no se,
“Oye!
Na nʼadɔe wɔ hɔ daa!”
Afei, ɔhene no ne ne nkurɔfo no nyinaa bɔɔ afɔre maa Awurade. Ɔhene Salomo de anantwi mpem aduonu abien ne nguan mpem ɔha aduonu bae sɛ nʼafɔrebɔde. Enti ɔhene no ne manfo no nyinaa buee Onyankopɔn Asɔredan no ano. Asɔfo no gyinagyinaa wɔn afa, na saa ara na Lewifo a wɔreto dwom se, “Nʼadɔe wɔ hɔ daa!” no nso yɛe. Wɔde nnwontode a Dawid yɛe sɛ wɔmfa nkamfo Awurade no gyigyee nnwonto no ho. Asɔfo a wɔne Lewifo no di nhwɛanim no hyɛn ntorobɛnto, bere a na Israelfo no nyinaa gyinagyina hɔ no.
Na afei, Salomo buee adiwo mfimfini a ɛwɔ Awurade Asɔredan no anim no ano, sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi abɔ ɔhyew afɔre na wɔahyew srade a efi asomdwoe afɔre mu no wɔ hɔ. Ɔyɛɛ saa, efisɛ kɔbere mfrafrae afɔremuka a na wasi no esua ma ɔhyew afɔre, atoko afɔre ne srade afɔre nyinaa no.
Solomo dii Guankɔbea Afahyɛ toaa so nnanson na nnipadɔm fifi Israel mmusuakuw no nyinaa mu bae. Wofifi akyirikyiri te sɛ Lebo Hamat a ɛwɔ atifi fam kosi Misraim asuwa anafo fam no. Da a ɛto so awotwe* no, wɔde afahyɛ no kɔɔ nʼawie, efisɛ na wɔde nnanson abue afɔremuka no ano na wɔde nnanson nso adi Guankɔbea Afahyɛ no. 10 Afahyɛ no awiei no, Salomo maa obiara kɔɔ ne kurom. Wɔn nyinaa ani gyei, efisɛ na Awurade ne Dawid, Salomo ne nkurɔfo Israelfo adi no yiye.
Onyankopɔn Mmuae
11 Na Salomo wiee Awurade Asɔredan no ne ahemfi no si. Owiee biribiara a ɔhyehyɛ too hɔ sɛ ɔbɛyɛ no. 12 Afei, da bi anadwo, Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ Salomo, na ɔka kyerɛɛ no se,
“Mate wo mpaebɔ, na mayi saa Asɔredan yi sɛ baabi a wɔmmɔ afɔre.
13 “Ɛtɔ da a, ebia mɛto ɔsorosoro mu, enti osu rentɔ, anaa ebia mɛma mmoadabi abɛsɛe mo nnɔbae anaa ebia mɛma ɔyaredɔm aba mo so. 14 Na sɛ me nkurɔfo a wɔde me din frɛ wɔn no bɛbrɛ wɔn ho ase, abɔ mpae, ahwehwɛ me, na wɔadan afi wɔn amumɔyɛsɛm ho a, mɛte wɔ ɔsoro, na mede wɔn bɔne akyɛ wɔn, asa wɔn asase yare. 15 Mpae biara a wɔbɛbɔ wɔ ha no, metie, 16 efisɛ mayi saa Asɔredan yi asi hɔ sɛ me fi daa daa. Mʼaniwa ne me koma bɛtena ha daa.
17 “Na wo de, sɛ wudi mʼakyi sɛnea wʼagya Dawid yɛe, na wutie mʼahyɛde, di me mmara nyinaa so a, 18 meremma obiara mfa wʼahengua nkɔ. Saa bɔ koro yi ara na mehyɛɛ wʼagya Dawid bere a mekaa se, ‘Meremma onipa a obedi Israel so hene mmɔ no no.’
19 “Nanso, sɛ wugyaw me, na wubu mmara ne mʼahyɛde a mede ama mo no so, na wokɔsom anyame foforo a, 20 ɛno de, metutu Israelfo ase afi mʼasase a mede ama wɔn yi so. Mɛpo saa Asɔredan a mayi asi hɔ a mede hyɛ me din anuonyam no. Mɛyɛ no ahohorade ama aman nyinaa ahu. 21 Ɛwɔ mu, saa asɔredan yi yɛ fɛ de, nanso ɛbɛyɛ atantanne ama wɔn a wotwa mu wɔ ho no. Wobebisa se, ‘Adɛn nti na Awurade ama nneɛma a ɛyɛ hu sɛɛ aba nʼasase ne nʼAsɔredan yi so?’ 22 Na mmuae bɛyɛ sɛ, ‘Efisɛ ne nkurɔfo poo Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn a oyii wɔn fii Misraim, kɔsom anyame foforo. Ɛno nti, na ɔmaa saa amanehunu yi nyinaa baa wɔn so.’ ”
* 7:9 Da a ɛto so awotwe—Ɛno ne Aponto Nnapɔnna da a edi akyiri (5.3; 3 Mose 23.36; 4 Mose 29.35) Nnanson…nnanson. Wɔyɛɛ dinto dwumadi no fi da a ɛto so awotwe kosi daa ɛto so dunan wɔ ɔsram no mu. Wɔde Aponto Nnapɔnna no toa so fi da a ɛto so dunum kosi da ɛto so aduonu abien. Mpata Afahyɛ no yɛ da a ɛto so du wɔ ɔsram ason no mu. (3 Mose 16; 1 Ah 8.65-66).