8
Nneɛma Afoforo Bi A Salomo Yɛe
Salomo dii hene no, ne mfe aduonu so na owiee Awurade Asɔredansi dwumadi kɛse ne nʼankasa ahemfi no si. Afei, Salomo de nʼadwene kɔɔ nkurow a ɔhene Huram de ama no no so. Osiesiee nkurow no, na ɔmaa Israelfo no kɔtenatenaa mu. Saa bere no ara mu nso na Salomo ko tiaa kurow Hamat-Soba, dii so nkonim. Ɔkyekyeree Tadmor bio wɔ sare so, na ɔkyekyeree nkurow wɔ Hamat mantam mu a ɛhɔ na na wɔkora nneɛma. Ɔbɔɔ nkuropɔn a na ɛwɔ atifi Bet-Horon ne anafo Bet-Horon no ho ban. Ɔsan too wɔn afasu no, de apon a wɔbram akyi totoo ano. Saa ara na ɔsan kyekyeree Baalat ne mmeaemmeae a wɔkora nneɛma wɔ hɔ, san kyekyeree nkuropɔn a wɔbɛkora ne nteaseɛnam ne nʼapɔnkɔ wɔ hɔ. Ɔkyekyeree mmeaemmeae bi wɔ Yerusalem ne Lebanon ne ahemman no nyinaa mu maa ne koma tɔɔ ne yam.
Ebesi saa bere no, na nnipa bi tete asase no so a wɔnyɛ Israelfo. Na saa nnipa no yɛ Hetifo, Amorifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo. Eyinom yɛ aman a Israel ntɔre wɔn ase korakora no asefo. Ɛno nti, Salomo hyɛɛ wɔn ma wɔyɛɛ adwuma maa no. Na ebesi nnɛ, wɔsom sɛ apaafo. Nanso Salomo anhyɛ Israelni biara amma wanyɛ adwuma sɛ ɔpaani. Mmom, ɔmaa ebinom kɔyɛɛ asraafo, mpanyimfo wɔ nʼakofo so ne ne nteaseɛnam ne nʼapɔnkɔkafo so asahene. 10 Ɔhene Salomo yii wɔn mu ahannu aduonum ma wɔkɔhwɛɛ ne nkɔsodwuma so.
11 Salomo yii ne yere a ɔyɛ Farao babea fii Dawid kurow mu, de no kɔɔ ahemfi foforo a wasi ama no no mu. Ɔkae se, “Ɛnsɛ sɛ me yere tena Ɔhene Dawid ahemfi, efisɛ na Awurade Apam Adaka no si hɔ, enti ɛhɔ yɛ asase kronkron.”
12 Na Salomo bɔɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka a wasi wɔ Asɔredan no ntwironoo no anim no so, maa Awurade. 13 Da biara, wɔbɔɔ afɔre sɛnea Mose de maa wɔn no. Afahyɛ ahorow a wodii no bi ne Homeda, Ɔsram Foforo Da, ne mfirihyia abiɛsa biara afahyɛ no mu a, ɛyɛ Twam Afahyɛ, Otwabere Afahyɛ ne Asese Afahyɛ. 14 Salomo de asɔfo no nnwuma rehyɛ wɔn nsa no, ɔfaa nʼagya Dawid akwankyerɛ so. Saa ara na ɔmaa Lewifo no dii ɔmanfo no anim too ayeyi nnwom, na wɔboaa asɔfo no wɔ wɔn daa daa nnwuma mu. Ɔde apon ano ahwɛfo akuwakuw no sisii wɔn apon ano sɛnea Dawid, Onyankopɔn nipa no kyerɛɛ wɔn no. 15 Salomo amman amfi akwankyerɛ a Dawid mae a ɛfa asɔfo, Lewifo ne sikakorabea ho.
16 Na Salomo hwɛɛ biribiara a ɛfa Awurade Asɔredan no si so fi da a wotwaa ne fapem, kosi da a wɔde wiee si no.
17 Akyiri no, Salomo kɔɔ Esion-Geber ne Elot a ɛyɛ ahyɛngyinabea a ɛwɔ Edom asase a ɛda Po Kɔkɔɔ mpoano hɔ no. 18 Huram brɛɛ no ahyɛn a ɔno ankasa mpanyimfo hwɛ so; na emu adwumayɛfo no nim adwuma yiye. Salomo nkurɔfo ne saa ahyɛn yi kɔɔ Ofir asase so, na wɔde sikakɔkɔɔ a na ɛkari bɛyɛ tɔn dunson brɛɛ Salomo.