10
Awurade Bɛhwɛ Yudafo
Mummisa Awurade hɔ nsu asusowbere mu;
ɛyɛ Awurade na ɔyɛ osu ne mu ahum.
Ɔma osu tɔ ma nnipa nyinaa,
ne nnɔbae nso ma obiara.
Ahoni no ka nnaadaasɛm,
nkɔmhyɛfo nya anisoadehu a ɛyɛ atoro;
wɔde nkontomposɛm kyerɛ dae ase,
wɔma awerɛkyekye kwa.
Enti nnipa no nenam te sɛ nguan
a wonni ɔhwɛfo na wɔhyɛ wɔn so.
 
“Me bo afuw nguanhwɛfo no yiye,
na mɛtwe ntuanofo no aso.
Na Asafo Awurade bɛhwɛ
ne nguankuw a wɔyɛ Yudafi no,
na wayɛ wɔn sɛ anuonyam pɔnkɔ wɔ ɔsa mu.
Tweatibo befi Yuda mu,
na ntamadan pɛe befi ne mu,
ɔsa mu tadua befi Yuda mu,
na sodifo nyinaa nso saa ara.
Wɔbɛbɔ mu ayɛ sɛ dɔmmarima
a wotiatia mmorɔn so dontori mu wɔ ɔko mu.
Esiane sɛ Awurade ka wɔn ho no nti,
wɔbɛko na wɔadi apɔnkɔsotefo no so.
 
“Mɛhyɛ Yudafi den
na magye Yosefi no nkwa.
Mede wɔn besi wɔn dedaw mu
efisɛ me yam hyehye me wɔ wɔn ho.
Wɔbɛyɛ te sɛ nea
mempoo wɔn mpo,
na mene Awurade wɔn Nyankopɔn,
na megye wɔn so.
Efraimfo bɛyɛ sɛ dɔmmarima,
wɔn ani begye te sɛ nea wɔanom nsa.
Wɔn mma behu na wɔn ani begye;
wobedi ahurusi wɔ wɔn koma mu wɔ Awurade mu.
Mɛto nsa afrɛ wɔn
aboaboa wɔn ano.
Ampa ara megye wɔn bio;
wɔbɛdɔɔso sɛ kan no.
Ɛwɔ mu, mɛhwete wɔn mu akɔ aman so,
nanso wɔbɛkae me wɔ akyirikyiri nsase so.
Wɔne wɔn mma bɛtena nkwa mu,
na wɔbɛsan aba.
10 Mede wɔn befi Misraim aba
mɛboa wɔn ano afi Asiria.
Mede wɔn bɛba Gilead ne Lebanon,
na wɔrensen hɔ.
11 Wɔbɛfa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ po mu,
nanso wobedi po asorɔkye a ehuru no so.
Nil mu nsu nyinaa bɛyow.
Asiria ahomaso nso wɔbɛbrɛ no ase
na Misraim ahempema betwa mu akɔ.
12 Mɛhyɛ wɔn den wɔ Awurade mu
na ne din mu na wɔbɛnantew,”
sɛnea Awurade se ni.