11
Buebue wʼapon, Lebanon,
na ogya mmɛhyew wo sida!
Twa adwo, wo ɔpepaw, na sida ahwe ase;
wɔasɛe nnua a ɛwɔ anuonyam no!
Twa adwo Basan adum;
wɔabubu kwaeberentuw no mu nnua no!
Tie nguanhwɛfo agyaadwo;
wɔasɛe wɔn adidibea frɔmfrɔm no!
Tie gyata no mmubomu;
Yordan ho nkyɛkyerɛ fɛɛfɛ no asɛe!
Nguanhwɛfo Baanu
Sɛɛ na Awurade me Nyankopɔn se: “Fa nguankuw a wɔrebekum wɔn no kɔ adidibea. Atɔfo no kunkum nguan no na wɔntwe wɔn aso. Wɔn a wɔtɔn nguan no ka se, ‘Monkamfo Awurade, mayɛ ɔdefo!’ Na nguan no ahwɛfo no mpo nnya ahummɔbɔ mma wɔn. Merenhu asase no so nnipa mmɔbɔ bio,” sɛnea Awurade se ni. “Mede obiara bɛhyɛ ne yɔnko ne hene nsa. Wɔbɛhyɛ asase no so, na merennye obiara mfi wɔn nsam.”
Enti mede nguankuw a wɔrekokum wɔn no kɔɔ adidibea, ne titiriw ne wɔn a wɔayɛ mmɔbɔ no. Afei mefaa pema abien, na mefrɛɛ baako Adɔe na baako nso Nkabom na mede wɔn kɔɔ adidi. Ɔsram baako mu, mepam nguanhwɛfo abiɛsa no.
Nguankuw no ampɛ me, na wɔmaa me brɛe na mekae se, “Merenyɛ mo hwɛfo bio. Wɔn a wɔrewu nwu, na wɔn a wɔreyera nso nyera. Na ma wɔn a aka no nso nkyekyere wɔn ho wɔn ho nwe.”
10 Afei mefaa me pema a mefrɛ no Adɔe no bubuu mu de sɛee apam a me ne aman no nyinaa ayɛ no. 11 Wɔsɛee no da no ara, na wɔn a wɔrehu amane wɔ nguankuw no mu a na wɔrehwɛ me no hui se, ɛyɛ Awurade asɛm.
12 Na meka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ ɛbɛyɛ yiye a muntua me ka, na sɛ ɛnte saa nso a, momma ɛntena hɔ.” Enti, wotuaa dwetɛ mpɔw aduasa maa me.*
13 Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Tow ma ɔnwemfo no,” ɛbo a ɛsɔ ani a wɔatwa ama me no. Enti, mefaa dwetɛ mpɔw aduasa no, na metow maa ɔnwemfo a ɔwɔ Awurade fi mu no.
14 Afei mibuu me pema a ɛto so abien a wɔfrɛ no Nkabom no mu, de sɛee onuayɛ a ɛda Yuda ne Israel ntam no.
15 Afei, Awurade ka kyerɛɛ me se, “Fa oguanhwɛfo kwasea no nneɛma no bio. 16 Na merebɛma oguanhwɛfo bi asɔre asase no so a ɔrenhwehwɛ nea wayera, ɔrenhwehwɛ nguantenmma no akyi kwan, ɔrensa nea wapira yare, ɔremma nea ɔwɔ ahoɔden aduan, na mmom, ɔbɛwe nguan a wɔadɔ no nam, na watwitwa wɔn tɔte.
17 “Nnome nka oguanhwɛfo a ne so nni mfaso,
na oguan gya nguankuw no!
Afoa ntwa ne basa, ne nʼaniwa nifa.
Ne basa no nwu koraa,
nʼaniwa nifa no mfura koraa!”
* 11:12 Tua me ka—Ɛkyerɛ ntetewmu. Ma ɛntena hɔ—Esi ntetewmu so dua. Dwetɛ mpɔw aduasa—Tete hɔ no, saa na na Israelfo tɔ nkoa.