12
Wɔbɛsɛe Yerusalem Atamfo
Nkɔmhyɛ: Eyi ne Awurade asɛm a ɛfa Israel ho.
 
Awurade a ɔtrɛw ɔsoro mu, nea ɔto asase fapem, nea ɔyɛ honhom a ɔte onipa mu asɛm ni: “Merebɛyɛ Yerusalem kuruwa a ɛbɛma aman a atwa ne ho ahyia no atɔ ntintan. Wɔbɛtow ahyɛ Yuda ne Yerusalem so. Saa da no a wiase aman nyinaa aboa wɔn ho ano retia no no, mɛma Yerusalem ayɛ ɔbotantim ama aman no nyinaa. Wɔn a wɔbɛpɛ sɛ wopirew no no nyinaa bepirapira wɔn ho. Saa da no, mɛma ɔpɔnkɔ biara abɔ huboa, na mɛma ne sotefo nso abɔ dam,” sɛnea Awurade se ni. “Mebue mʼani ahwɛ Yudafi, na mefurafura aman ahorow no apɔnkɔ ani. Na Yuda mmusua bɛka wɔ wɔn koma mu se, ‘Yerusalemfo yɛ ahoɔdenfo, efisɛ Asafo Awurade yɛ wɔn Nyankopɔn.’
“Saa da no, mɛyɛ Yuda mmusua sɛ ogya asanka a ɛhyɛ nnyina mu, te sɛ ogyatɛn a ɛredɛw wɔ nwura a wɔaboa ano mu. Wɔbɛhyew nnipa a wɔatwa wɔn ho ahyia nyinaa wɔ benkum ne nifa, nanso hwee renka Yerusalem wɔ faako a ɔwɔ.
Awurade bɛbɔ Yuda atenae ho ban kan, sɛnea Dawidfi ne wɔn a wɔte Yerusalem anuonyam renkyɛn Yudafo anuonyam. Saa da no, Awurade bɛbɔ wɔn a wɔte Yerusalem ho ban, nea ɔyɛ mmerɛw koraa wɔ wɔn mu no bɛyɛ sɛ Dawid. Na Dawid asefo bɛyɛ sɛ Onyankopɔn, te sɛ Awurade Bɔfo a odi wɔn anim. Saa da no, mefi ase asɛe aman a wɔko tia Yerusalem nyinaa.
Wotwa Adwo Ma Nea Wohwirew No No
10 “Mehwie adom ne nkotosrɛ honhom agu Dawidfi ne wɔn a wɔte Yerusalem so. Wɔbɛhwɛ me a wɔahwirew me, na wɔatwa adwo ama no te sɛ obi a ɔretwa adwo wɔ ɔba koro ho, na wɔasu yayaayaw te sɛ obi a ɔresu ne ba barima piesie. 11 Saa da no agyaadwotwa a ɛwɔ Yerusalem no ano bɛyɛ den te sɛ Hadad-Rimon agyaadwotwa wɔ Megido asasetam so. 12 Asase no sofo nyinaa bedi awerɛhow, abusua biara ne wɔn yerenom; Dawid abusua ne wɔn yerenom, Natan abusua ne wɔn yerenom, 13 Lewi abusua ne wɔn yerenom, Simei abusua ne wɔn yerenom, 14 ne mmusua a aka no nyinaa ne wɔn yerenom.