13
Bɔne Ho Ahodwira
“Saa da no, wobetu asubura ama Dawidfi ne Yerusalemfo de ahohoro wɔn bɔne ne wɔn ho fi.
“Saa da no, meyi ahoni no din afi asase no so, na wɔrenkae wɔn bio,” sɛnea Asafo Awurade se ni. “Meyi adiyifo ne fi honhom afi asase no so. Sɛ obi kɔ so hyɛ nkɔm a agya ne ɛna a wɔwoo saa nipa no bɛka akyerɛ no se, ‘Ɛsɛ sɛ wuwu, efisɛ, wode Awurade din atwa atoro.’ Sɛ ɔhyɛ nkɔm a, ɔno ankasa awofo bɛwɔ no afoa.
“Saa da no, odiyifo biara ani bewu wɔ ne nkɔmhyɛ anisoadehu ho. Ɔrenhyɛ odiyifo atade a wɔde nwi ayɛ no mfa nnaadaa nnipa. Ɔbɛka se, ‘Menyɛ odiyifo. Meyɛ okuafo. Na efi me mmerantebere mu, asase yi so na minya mʼano aduan.’ Na sɛ obi bisa no se, ‘Akuru bɛn na ɛwɔ wo ho yi a?’ Obebua se, ‘Ɛyɛ akuru a minyaa wɔ me nnamfonom fi.’ ”
Wɔbɔ Oguanhwɛfo No, Na Nguan No Hwete
“Sɔre, afoa, sɔre tia me guanhwɛfo,
tia onipa a ɔbɛn me!”
Sɛnea Asafo Awurade se ni.
“Bɔ oguanhwɛfo no,
na nguan no bɛbɔ ahwete,
na mɛma me nsa so atia nguantenmma no.
Asase no so nyinaa,” sɛnea Awurade se ni,
“Wɔbɛbɔ nkyɛmu abiɛsa mu abien ahwe fam ma wɔawuwu;
na nkyɛmu abiɛsa mu baako bɛka wɔ so.
Mede nkyɛmu abiɛsa mu baako yi bɛfa ogya mu;
mɛnan wɔn te sɛnea wɔnan dwetɛ,
na masɔn wɔn so sɛ sikakɔkɔɔ.
Wɔbɛbɔ me din afrɛ me,
na megye wɔn so.
Mɛka se, ‘Wɔyɛ me nkurɔfo,’
na wɔbɛka se, ‘Awurade yɛ yɛn Nyankopɔn.’ ”