Yohane
Nhoma A Ɛto So Abiɛsa
1
Me, Asɔre panyin,
 
Mekyerɛw kɔma me dɔfo pa Gaio.
 
 
Mʼadamfo pa, mebɔ mpae sɛ biribiara nkɔ so yiye mma wo, na nya ahoɔden sɛnea minim sɛ wowɔ ahoɔden wɔ honhom fa mu no. Anuanom bi baa ha bɛka kyerɛɛ me se, woanya nokware no mu gyidi no, na woda so kura nokware no mu no, ɛyɛɛ me anigye yiye. Biribiara nyɛ me anigye nkyɛn sɛ mɛte sɛ me mma no te nokware mu.
Mʼadamfo pa, wudi nokware yiye wɔ adwuma a woyɛ ma anuanom no a ɛmfa ho sɛ wɔyɛ ahɔho mpo. Wɔaka ɔdɔ a wodɔ asafo a ɛwɔ hɔ no ho asɛm. Mesrɛ wo, boa wɔn wɔ wɔn akwantu no mu ma ɛnsɔ Onyankopɔn ani. Efisɛ wɔretu wɔn kwan wɔ Awurade din mu a wɔmpɛ mmoa biara mfi wɔn a wɔnyɛ agyidifo no nkyɛn. Yɛn Kristofo na ɛsɛ sɛ yɛboa saa nnipa no sɛnea yɛne wɔn bɛyɛ nokware no ho adwuma.
Diotrefe
Mekyerɛw krataa tiaa bi kɔmaa asafo no, nanso Diotrefe a nʼani gye sɛ ɔyɛ wɔn panyin no ntie nea meka no. 10 Sɛ meba a, mede biribiara a ɔreyɛ no ho asɛm bɛto mo anim. Mɛka nsɛm a ɛyɛ hu a ɔka fa yɛn ho ne atoro a otwa nyinaa no ho asɛm. Nanso ɛno nko ara nye mma no. Sɛ anuanom afoforo ba a, onnye wɔn, na osiw wɔn a wɔpɛ sɛ wogye wɔn no nso kwan, san apam wɔn fi asafo no mu.
11 Mʼadamfo pa, munnsua ade bɔne, na mmom munsua ade pa. Obiara a ɔyɛ papa no yɛ Onyankopɔn de. Na obiara a ɔyɛ bɔne no nhuu Onyankopɔn ɛ. 12 Obiara ka Demetrio ho asɛm pa, na mpo nokware no ankasa ka ne ho asɛm pa. Na yɛn nso yedi ne ho adanse pa, na munim sɛ nea yɛka no yɛ nokware.
 
 
13 Mewɔ nsɛm bebree ka kyerɛ mo, nanso meremfa krataa ne kyerɛwdua so nka. 14 Ɛrenkyɛ biara mehu mo na me ne mo akasa.
 
15 Asomdwoe nka mo.
 
Mo nnamfonom nyinaa kyiakyia mo. Kyiakyia yɛn nnamfonom nyinaa.