Yuda
Nhoma
1
Yesu Kristo somfo Yuda a ɔyɛ Yakobo nua na ɔkyerɛw krataa yi,
 
Ɔde kɔmaa wɔn a Onyankopɔn afrɛ wɔn na wɔte Agya Onyankopɔn dɔ ne Yesu Kristo bammɔ mu:
 
Mmɔborɔhunu ne ɔdɔ a ɛdɔɔso nka mo.
 
Atoro Adiyifo
Me nnamfonom, anka merebɔ mmɔden akyerɛw mo afa nkwagye a yɛn nyinaa te mu no ho. Nanso ɛsɛ sɛ mekyerɛw mo wɔ asɛm foforo ho na moyere mo ho gyina nokware a Onyankopɔn de ama ne nkurɔfo afebɔɔ, a ɛnsɛ sɛ wɔsesa mu da biara da no mu. Nnipa bi awiawia wɔn ho abɛfra yɛn mu a wɔkyea asɛm a ɛfa yɛn Nyankopɔn adom no ho ka se adom no nti ɔbra bɔne nsɛe hwee. Wonnye Yesu Kristo a ɔno nko ara ne yɛn Wura ne yɛn Awurade no nto mu. Kyerɛwsɛm no aka wɔn afɔbu a aba wɔn so no ho asɛm dedaw.
Ɛwɔ mu sɛ munim eyinom dedaw, nanso mepɛ sɛ mekae mo adwene wɔ gye a Awurade gyee Israelfo fii Misraim asase so na akyiri no, ɔsɛee wɔn a na wonnye asɛm no nni no ho. Monkae abɔfo a wodii tumi traa so ma wogyaw wɔn atenae no. Wɔagu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn wɔ sum kabii mu, na Onyankopɔn de wɔn asie retwɛn da kɛse no na wabu wɔn atɛn. Monkae Sodom ne Gomora ne nkurow a na atwa wɔn ho ahyia no sɛ, na mu nnipa no yɛ nguamanfo. Onyankopɔn twee wɔn aso de yɛɛ nhwɛso maa wɔn a wobenya asotwe a ɛde wɔn bɛkɔ ogya a ennum da no mu.
Saa ɔkwan koro no ara so na adaesofo yi nam. Wugu wɔn ankasa nipadua ho fi. Wɔpo tumidi, na wɔka nsɛmmɔne fa anuonyamfo a wɔwɔ ɔsoro no ho. Ɔbɔfopanyin Mikael mpo nyɛɛ saa da. Bere a Mikael ne ɔbonsam repere Mose amu so a akasakasa sii wɔn ntam no mpo, wantew ɔbonsam atua, na mmom asɛm a ɔkae ara ne sɛ, “Awurade nka wʼanim.” 10 Nanso saa nnipa yi tew nneɛma a wɔnte ase ho atua. Na nneɛma a wɔn abɔsu mu wɔnte ase no, sɛnea nkekaboa yɛ no, saa nneɛma koro no ara na ɛbɛsɛe wɔn.
11 Wonnue! Ɔkwan a Kain faa so no ara so na wɔnam. Sikanibere nti, wɔde wɔn ho akɔhyɛ Bileam nnaadaasɛm ase. Wɔatew Onyankopɔn so atua sɛnea Kora yɛe pɛpɛɛpɛ, eyi nti wɔbɛsɛe wɔn.
12 Wɔte sɛ nkekae fi a ɛwɔ onua aduan a ɔne wo di mu a wɔmfɛre ho. Wɔn ani ku wɔn ara wɔn ho. Na wɔte sɛ omununkum a esi na mframa bɔ no, nanso osu ntɔ. Wɔte sɛ nnua a ɛnsow aba asusowbere mu. Wɔte sɛ nnua a wɔatutu ne ntin ama awu koraa. 13 Wɔte sɛ po asorɔkye a ano yɛ den a ehuru sɛ ahuru da wɔn aniwude adi. Wɔte sɛ nsoromma a ekyinkyin a Onyankopɔn de wɔn asie ɔsɛe sum kabii mu afebɔɔ.
14 Henok, Adam aseni a ɔto no so asia na ɔhyɛɛ saa nnipa yi ho nkɔm teteete sɛ, “Hwɛ, Awurade ne nʼabɔfo Kronkron mpempem reba, 15 na wɔabebu mo nyinaa atɛn na wɔabu nnebɔneyɛfo nyinaa atɛn wɔ wɔn bɔne a wɔayɛ ne nsɛm a wɔaka atia Onyankopɔn no ho.” 16 Bere biara, saa nnipa yi nwiinwii na wɔde mfomso to afoforo so. Wodi wɔn akɔnnɔ akyi. Wɔhoahoa wɔn ho na wɔdaadaa afoforo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛba abedi wɔn akyi.
Kɔkɔbɔ
17 Me nnamfonom, monkae nsɛm a yɛn Awurade Yesu Kristo asomafo no kae. 18 Wɔkae se, “Sɛ awiei no du a nnipa a wodi mo ho fɛw na wodi wɔn akɔnnɔ akyi bɛba.” 19 Eyinom ne nnipa a wɔnam wɔn akɔnnɔ so de mpaapaemu ba no. Na wonni Honhom no wɔ wɔn mu.
20 Enti, mo a moyɛ me nnamfonom, mitu mo fo sɛ, monkɔ so mmia mo gyidi mu. Mommɔ mpae wɔ Honhom Kronkron no tumi mu, 21 na montena Onyankopɔn dɔ mu bere a moretwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo wɔ nʼahummɔbɔ mu ama wama mo nkwa a enni awiei no.
22 Munhu wɔn a wɔn gyidi sua no mmɔbɔ. 23 Montwe wɔn mfi ogya mu nnye wɔn nkwa. Momfa osuro nhu wɔn mmɔbɔ, na munkyi ntade a wɔn bɔne nkekae akeka mu no.
 
 
24 Na nea obetumi aso mo mu na moanhintiw, na ɔde mo asi nʼanuonyam anim sɛ nnipa a wonni dɛm wɔ ahosan mu no, 25 Onyankopɔn koro a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so yɛ yɛn Agyenkwa no, ɔno na anuonyam ne kɛseyɛ ne ahoɔden ne tumi nka no mmere a atwam, ne nnɛ ne daa nyinaa. Amen.