Paulo Nhoma A
Ɔkyerɛw Kɔmaa
Filemon
1
Nkyia
Saa nhoma yi fi Paulo a esiane Kristo Yesu nti ɔyɛ odeduani ne yɛn nuabarima Timoteo nkyɛn,
 
Yɛde kɔma yɛn adamfo ne yɛn yɔnko Filemon ne asafo a wohyia wɔ wo fi no ne yɛn nuabea Apia ne yɛn yɔnko sraani Arkipo no:
 
Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.
 
 
Onua Filemon, bere biara a mebɔ mpae no mebɔ bi ma wo na meda me Nyankopɔn nso ase. Mete ɔdɔ a wodɔ Onyankopɔn nkurɔfo ne gyidi a wowɔ wɔ Awurade Yesu mu no. Sɛnea wo ne afoforo kura gyidi koro mu no, mebɔ mpae sɛ wɔn nso behu nhyira a Kristo de ama yɛn no nyinaa. Onua pa, wo dɔ no ama me anigye na ahyɛ me nkuran nso. Woakanyan Onyankopɔn nkurɔfo.
Sɛ meyɛ wo nua wɔ Kristo mu nti, metumi de akokoduru ahyɛ wo, ama woayɛ nea ɛsɛ sɛ woyɛ, nanso me Paulo a meyɛ akwakoraa ne Kristo Yesu deduani fi ɔdɔ mu mprempren 10 resrɛ wo ama me ba Onesimo a ɔbɛyɛɛ me ba, bere a na meda afiase no. 11 Bere bi a atwa mu no na ne so nni mfaso mma wo, nanso mprempren de, ne so wɔ mfaso ma me ne wo.
12 Merema ɔno a ɔyɛ mʼankasa me koma no asan aba wo nkyɛn. 13 Esiane asɛmpa no nti, mepɛe sɛ ɔtena me nkyɛn bere a meda afiase yi, sɛnea ɛbɛyɛ a obesi wʼanan mu aboa me. 14 Nanso na mempɛ sɛ mefi wʼakyi ayɛ biribi, sɛnea ɛrenyɛ sɛ adɔe biara a wobɛyɛ no fi ɔhyɛ mu na mmom efi ɔpɛ pa mu nti. 15 Ebia na Onesimo fii wo nkyɛn bere tiaa bi sɛnea ɛbɛyɛ a wubegye no ato mu bio afebɔɔ. 16 Mprempren ɔnyɛ ɔsomfo kɛkɛ efisɛ ɔkyɛn ɔsomfo. Ɔyɛ onua pa wɔ Kristo mu. Ɔsom bo ma me. Saa ara nso na ɔbɛsom bo ama wo sɛ ɔsomfo ne onua wɔ Awurade mu.
17 Enti sɛ wudwen me ho sɛ wo ne me bɔ mu di dwuma a, saa ara nso na gye no to mu sɛnea wubegye me no ara no. 18 Sɛ wayɛ wo biribi anaasɛ ɔde wo ka bi a, bu tia me. 19 Me Paulo, mʼankasa me nsa ano nkyerɛw ni. Metua wo ka, na mmom mma wo werɛ mfi sɛ wo nipadua no ankasa de me ka. 20 Enti me nua, mesrɛ wo sɛ, Awurade nti, yɛ me saa adɔe yi; ka me koma hyew sɛ wo nua wɔ Kristo mu. 21 Mewɔ anidaso sɛ, nea merekyerɛw wo yi, wobɛyɛ ama aboro nea merebisa wo yi so.
22 Afei pɛ ɔdan ma me, efisɛ minim sɛ Onyankopɔn betie mo mpaebɔ ama mabɛka mo ho bio.
 
 
23 Epafra a Kristo Yesu nti ɔne me da afiase no kyia wo.
24 Saa ara nso na Marko, Aristarko, Dema ne Luka nso kyia wo.
 
25 Awurade Yesu Kristo adom nka wo honhom.