3
Okristoni Su
Kae wo nkurɔfo na wɔmmrɛ wɔn ho ase nhyɛ ahemfo ne wɔn a tumi hyɛ wɔn nsa no ase, wɔnyɛ osetie, wonsiesie wɔn ho mma adwuma pa biara, na wɔnnka asɛmmɔne mmfa obi ho na mmom, wonnwo brɛoo, na daa wonni obiara ni.
Kan no, na yɛn ankasa yɛyɛ nkwaseafo, asoɔdenfo, ne abɔnefo. Na yɛyɛ akɔnnɔ ne anigye ahorow nkoa. Yɛsɛee yɛn abrabɔ wɔ bɔne ne anibere ho. Afoforo tan yɛn maa yɛn nso yɛtan wɔn. Nanso bere a yɛn Agyenkwa Onyankopɔn ayamye ne ne dɔ daa adi no, ogyee yɛn nkwa. Ɛnyɛ nnwuma pa bi a yɛayɛ nti, na mmom ɔnam nʼahummɔbɔ so ahohoro yɛn ho, agye yɛn nkwa ama Honhom Kronkron no awo yɛn foforo ama yɛn nkwa foforo. Onyankopɔn nam Yesu Kristo a ɔyɛ yɛn Agyenkwa no so ahwie Honhom Kronkron no agu yɛn so, sɛnea ɛbɛyɛ a nʼadom nti, yɛbɛyɛ daa nkwa no anidaso ho adedifo. Eyi yɛ nokwasɛm. Mepɛ sɛ wuti saa asɛm yi mu yiye na ama wɔn a wogye Onyankopɔn di no ahu sɛ, ɛsɛ sɛ wɔde wɔn bere di dwuma pa. Eyinom nyinaa ye na so wɔ mfaso ma nnipa.
Nanso munnnye nkwasea akyinnye. Saa ara nso na monnto ana, nkasakasa, nham wɔ mmara ho; so nni mfaso biara. 10 Bɔ obi a ɔde mpaapaemu ba no kɔkɔ nea edi kan ne ne nea ɛto so abien, na ɛno akyi no twe wo ho fi ne ho. 11 Ɛsɛ sɛ wuhu sɛ obi a ɔte saa no asɛe, na bɔne a ɔyɛ no da adi wɔ ne ho.
 
 
12 Sɛ mesoma Artema anaa Tihiko wo nkyɛn a, bɔ mmɔden bra me nkyɛn wɔ Nikopoli, na hɔ na mabɔ me tirim sɛ mɛtena awɔwbere no. 13 Bɔ mmɔden gya mmaranimfo Sena ne Apolo kwan yiye na anhia wɔn hwee.
 
14 Ma yɛn nkurɔfo no nsua sɛnea wɔde wɔn adagyew yɛ nnwuma pa de boa. Ɛnsɛ sɛ wɔtena ase kwa.
 
15 Wɔn a wɔne me wɔ ha nyinaa kyiakyia wo.
Kyia wɔn a wɔdɔ yɛn wɔ gyidi mu ma yɛn.
 
Adom nka mo nyinaa.